Hesekiel
46 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Mfimfini hɔ adihɔ no ponkɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ no,+ wɔnto mu+ nnansia a wɔde yɛ adwuma no nyinaa,+ nanso sɛ ɛduru Homeda anaa bosome foforɔ a, wɔmmue. 2 Ɔberempɔn no mfiri abɔnten mfa ponkɛseɛ no abrannaa kwan no so+ mmɛgyina aponnwa no ano. Asɔfoɔ no mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ mma no, na ɔmmɔ ne mu ase wɔ ɛpono no ano na ɔmfiri adi. Nanso wɔrento ɛpono no mu kɔsi anwummerɛ. 3 Sɛ ɛduru Homeda ne bosome foforɔ+ a, ɔman no* nso mmɛbɔ wɔn mu ase Yehowa anim wɔ ɛpono no ano.
4 “‘Ɛduru Homeda a, ɔberempɔn no mfa adwennini nkumaa nsia a dɛm nni wɔn ho ne odwennini a dɛm nni ne ho+ mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa. 5 Aduane afɔreɛ nso, ɔmfa aduane efa* baako nka odwennini no ho; adwennini nkumaa no deɛ, ɔmfa aduane a ne nsa bɛso so nka ho, na aduane efa biara nso, ɔmfa ngo hin* baako nka ho.+ 6 Bosome foforɔ duru a, ɔmfa nantwinini kumaa, adwennini nkumaa nsia, ne odwennini mmra; ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmoa a dɛm biara nni wɔn ho.+ 7 Ɔmfa aduane efa baako nka nantwinini kumaa no ho na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ, na adwennini nkumaa no deɛ, ɔmfa aduane a ne nsa bɛso so nka ho. Aduane efa baako biara nso, ɔmfa ngo hin baako nka ho.
8 “‘Sɛ ɔberempɔn no reba mu a, ɔmfa ponkɛseɛ no abrannaa so mmra, na sɛ ɔrefiri adi nso a, ɔmfa hɔ ara nkɔ.+ 9 Na sɛ ɔman no reba Yehowa anim wɔ afahyɛ mmerɛ no mu+ abɛsom a, deɛ ɔbɛfa atifi fam ponkɛseɛ no mu+ aba no mfa anaafoɔ fam ponkɛseɛ no mu+ mfiri adi; na deɛ ɔbɛfa anaafoɔ fam pono no mu aba no mfa atifi fam pono no mu mfiri adi. Obiara nnsan n’akyi nnkɔfa ɛpono a ɔfaa mu baeɛ no mu mmfiri adi; ɔmfa ɛpono a ɛda n’anim no mu nkɔ. 10 Ɔberempɔn a ɔka wɔn ho no, sɛ wɔreba mu a, ɔne wɔn mmra, na sɛ wɔrefiri adi a, ɔnka wɔn ho nkɔ. 11 Sɛ ɛduru afahyɛ berɛ anaa nnapɔnna a, weinom na wɔmfa mmɔ aduane afɔreɛ: Ɔmfa aduane efa baako nka nantwinini kumaa no ho, na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho, na adwennini nkumaa no deɛ, ɔmfa aduane a ne nsa bɛso so nka ho, na aduane efa biara nso, ɔmfa ngo hin baako nka ho.+
12 “‘Sɛ ɔberempɔn no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ+ anaa asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛbɔ ayamyɛ afɔreɛ ma Yehowa a, wɔmmue ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ fam no mma no, na ɔmfa deɛ ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ no mmra sɛdeɛ ɔyɛ Homeda no.+ Na sɛ ɔfiri adi a, wɔnto pono no mu.+
13 “‘Fa odwennini kumaa a ɔnni mmoroo afe a dɛm nni ne ho bra na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa da biara.+ Fa bra anɔpa biara. 14 Fa weinom ka mmoa no ho na wɔmfa mmɔ aduane afɔreɛ anɔpa biara: Aduane efa nkyɛmu nsia mu baako ne ngo hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a wɔde bɛgugu esiam muhumuhu no so. Wɔde bɛbɔ aduane afɔreɛ ama Yehowa berɛ nyinaa. Wei yɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 15 Wɔmfa odwennini kumaa no ne aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo no mmra anɔpa biara mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ daa.’
16 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Sɛ ɔberempɔn no de agyapadeɛ bi kyɛ ne mma no mu biara a, ɛbɛyɛ ne mma no agyapadeɛ. Ɛyɛ wɔn kyɛfa. 17 Na sɛ ɔde n’agyapadeɛ bi ma n’akoa a, ɛbɛyɛ ne dea akɔsi Ahofadie Afe no,+ na ɛbɛsan abɛdi ɔberempɔn no nsam. Ne mma nko ara na sɛ n’agyapadeɛ kɔdi wɔn nsam a, ɛbɛyɛ wɔn dea afebɔɔ. 18 Ɛnsɛ sɛ ɔberempɔn no pamo ɔmanfoɔ no mu biara firi n’agyapadeɛ so na ɔfa yɛ ne dea. Ɔno ara n’agyapadeɛ na ɛsɛ sɛ ɔde ma ne mma. Ɛno remma me man nhwete mfiri wɔn agyapadeɛ so.’”
19 Afei ɔde me faa ɛkwan+ a ɛda asɔfoɔ no adidibea kronkron a ɛhwɛ atifi fam+ no ponkɛseɛ no nkyɛn, na meduruu hɔ no, mehuu beaeɛ bi wɔ akyire hɔ wɔ atɔeɛ fam. 20 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha na asɔfoɔ no bɛnoa afɔdie afɔrebɔdeɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ no, na ɛha ara na wɔbɛtõ aduane afɔrebɔdeɛ no,+ na wɔamfa biribiara ankɔ akyire hɔ adihɔ hɔ amma ɔmanfoɔ no anyɛ kronkron.”*+
21 Ɔde me firii adi baa akyire hɔ adihɔ hɔ, na ɔde me baa adihɔ no ntwea nnan no so. Na mehuu adihɔ a wɔagye ho wɔ ntwea no biara so. 22 Ná adihɔ nketewa no wowɔ adihɔ no ntwea nnan no so; ne tenten yɛ basafa* 40 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 30. Adihɔ nnan no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ.* 23 Ná wɔato bamma wɔ adihɔ nnan no nyinaa mu ahyia, na wɔayeyɛ bukyia a wɔnoa so adeɛ wɔ bamma no ase. 24 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha na asɔrefie no mu asomfoɔ noa ɔman no afɔrebɔdeɛ.”+