Hesekiel
47 Afei ɔsan de me baa asɔrefie no kwan ano,+ na mehuu sɛ ɛkwan a ɛkɔ asɔrefie hɔ no, nsuo bi firi aseɛ resene kɔ apueeɛ fam,+ ɛfiri sɛ na asɔrefie no anim kyerɛ apueeɛ fam. Nsuo no sene firii asɔrefie no ase, nifa so wɔ afɔrebukyia no anaafoɔ.
2 Ɛnna ɔde me faa ponkɛseɛ a ɛda atifi no kwan so pueeɛ,+ na ɔde me kɔɔ ɛkwan a ɛda akyire no so baa adihɔ ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no ano,+ na mehuu sɛ nsuo resene firi nifa so.
3 Ɔbarima no de n’ani kyerɛɛ apueeɛ fam, na ɔde susuhoma a ɔkura no ne nsam no+ susuu basafa* 1,000. Ɔmaa mesii nsuo no mu, na na ɛdeda me nankɔn.
4 Ɛnna ɔsan susuu basafa 1,000, na ɔmaa mefaa nsuo no mu, na na ɛdeda me kotodwe.
Afei ɔsusuu basafa 1,000 bio, na ɔmaa mefaa mu, na na ɛdeda m’asene.
5 Berɛ a ɔsan susuu basafa 1,000 no, mantumi amfa mu ɛfiri sɛ na ayiri adane asubɔnten; ná ɛnyɛ nsuo a obi bɛtumi afa mu atwa, gye sɛ ɔboro.
6 Ɔbisaa me sɛ: “Onipa ba, woahunu wei?”
Na ɔmaa mesan nante baa asubɔnten no ano. 7 Mesan baeɛ no, mehuu sɛ nnua pii sisi asubɔnten no ho; ebi wɔ ɛfã ha na ebi nso wɔ ɛfã ha.+ 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsuo yi resene akɔ apueeɛ fam akɔfa Araba,*+ na ɛbɛkɔ akɔbɔ po mu. Sɛ ɛkɔbɔ po mu a,+ ɛbɛsa emu nsuo yareɛ. 9 Baabiara a asubɔnten* no bɛsene akɔ no, emu mmoa* nyinaa bɛnya nkwa. Emu mpataa bɛdɔɔso, ɛfiri sɛ nsuo no bɛkɔ hɔ. Ɛbɛsa ɛpo nsuo no yareɛ na baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ bɛnya nkwa.
10 “Mpataayifoɔ bɛgyinagyina ho afiri En-Gedi+ akɔpem En-Eglaim, na wɔbɛnya baabi a wɔhata asau. Na mpataa ahodoɔ nyinaa bi bɛyɛ mu ma te sɛ Ɛpo Kɛseɛ* no mu mpataa.+
11 “Mmeaeɛ bi bɛyɛ awora ne atɛkyɛ, na ɛrennya ayaresa. Ɛbɛyɛ nkyenenkyene.+
12 “Nnua a wɔdi so aba nyinaa bi bɛfifi wɔ asubɔnten no ho wɔ ɛfã ha ne ɛfã ha. N’ahaban rempo, na ɛso aba rensa. Ɛbɛso aba foforɔ bosome biara, ɛfiri sɛ nsuo a ɛgugu so no firi kronkronbea hɔ.+ Wɔbɛdi so aba na wɔde n’ahaban asa yareɛ.”+
13 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Wei ne asaase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuo 12 no sɛ wɔn agyapadeɛ, na Yosef asefoɔ bɛnya nkyɛmu mmienu.+ 14 Asaase no bɛyɛ mo agyapadeɛ, na obiara bɛnya pɛpɛɛpɛ.* Mekaa ntam sɛ mede asaase yi bɛma mo agyanom,+ na seesei abɛyɛ mo agyapadeɛ.
15 “Asaase no hyeɛ a ɛda atifi fam nie: Ɛfiri Ɛpo Kɛseɛ no ho kɔfa Hetlon+ kɔ Sedad,+ 16 Hamat,+ Berota,+ ne Sibraim a ɛda Damasko ne Hamat ahyeɛ ntam, na ɛkɔpem Haser-Hatikon a ɛkɔ Hauran+ hyeɛ so no. 17 Enti ɛhyeɛ no firi po no ho kɔfa Hasar-Enon+ a ɛwɔ Damasko hyeɛ so wɔ atifi fam, na ɛkɔduru Hamat+ hyeɛ so. Wei ne atifi fam hyeɛ no.
18 “Apueeɛ fam hyeɛ no da Hauran ne Damasko ntam, na ɛkɔfa Yordan ho wɔ Gilead+ ne Israel asaase no ntam. Monsusu mfiri ɛhyeɛ no so nkɔ apueeɛ fam po* no ho. Wei ne apueeɛ fam hyeɛ no.
19 “Anaafoɔ fam hyeɛ no firi Tamar kɔ Meribat-Kades+ nsuo ho, ɛfiri Subɔn* no ho kɔ Ɛpo Kɛseɛ no ho.+ Wei ne anaafoɔ fam hyeɛ no.
20 “Atɔeɛ fam hyeɛ no da Ɛpo Kɛse no ho, ɛfiri ɛhyeɛ no so kɔsi Lebo-Hamat*+ ntentensoɔ. Wei ne atɔeɛ fam hyeɛ no.”
21 “Monkyɛ asaase yi mfa; momfa mma Israel mmusuakuo 12 no. 22 Monkyɛ asaase no mfa na momfa bi mma ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo na wɔawowo mma no; mommu wɔn sɛ Israel man mma. Wɔne mo nyinaa bɛnya agyapadeɛ wɔ Israel mmusuakuo mu. 23 Abusuakuo a ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mu no, wɔn asaase so na momma no agyapadeɛ,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.