Hesekiel
48 “Mmusuakuo no din nie. Ɛfiri aseɛ firi atifi fam nohoa: Dan kyɛfa+ no nam Hetlon kwan so kɔfa Lebo-Hamat,*+ na ɛkɔ Hasar-Enan kɔfa Damasko hyeɛ so wɔ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn;+ n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 2 Aser kyɛfa+ toa Dan so, na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 3 Naftali kyɛfa+ toa Aser so, na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 4 Manase kyɛfa+ toa Naftali so, na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 5 Efraim kyɛfa toa Manase so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 6 Ruben kyɛfa toa Efraim so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 7 Yuda kyɛfa toa Ruben so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 8 Wofiri Yuda asaase so a, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no, asaase a mobɛtwa ayɛ ntoboa no, ɛsɛ sɛ ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa* 25,000,+ na ɛsɛ sɛ ne tenten ne mmusuakuo no nsaase a ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no yɛ pɛ. Wɔde kronkronbea no bɛsi mfimfini.
9 “Asaase a mobɛtwa ama Yehowa sɛ ntoboa no tenten bɛyɛ basafa 25,000, na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000. 10 Asaase a mobɛtwa ayɛ ntoboa kronkron ama asɔfoɔ no nie:+ Atifi fam bɛyɛ basafa 25,000, atɔeɛ fam bɛyɛ basafa 10,000, apueeɛ fam bɛyɛ 10,000; na anaafoɔ fam ayɛ 25,000. Yehowa kronkronbea no bɛwɔ mfimfini. 11 Ɛbɛyɛ asɔfoɔ a wɔate wɔn ho no dea, Sadok mma+ a wɔyɛɛ wɔn adwuma wɔ m’anim no. Weinom na berɛ a Israelfoɔ ne Lewifoɔ no firii m’akyi no, wɔamfiri m’akyi.+ 12 Wɔbɛnya asaase a wɔatwa sɛ ntoboa no bi wɔ Lewifoɔ no nkyɛn, na ɛbɛyɛ ade kronkron paa.
13 “Lewifoɔ no bɛnya asaase wɔ asɔfoɔ no deɛ ho pɛɛ. Ne tenten bɛyɛ basafa 25,000 na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000. (Asaase no nyinaa tenten bɛyɛ basafa 25,000, na ne tɛtrɛtɛ ayɛ basafa 10,000.) 14 Asaase no fã a ɛyɛ papa yi, ɛnsɛ sɛ wɔtwa bi tɔn, wɔde sesa biribi, anaa wɔdane ma obi, ɛfiri sɛ ɛyɛ ade kronkron ma Yehowa.
15 “Asaase no fã a aka a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 5,000 a ɛda deɛ ne kɛseɛ yɛ basafa 25,000 no ho no deɛ, ɛbɛyɛ ɔmanfoɔ asaase.+ Nnipa bɛtenatena hɔ na wɔde hɔ ayɛ mmoa adidibea. Na kuro no bɛda mfimfini.+ 16 Kuro no kɛse nie: N’atifi yɛ basafa 4,500, anaafoɔ yɛ 4,500, apueeɛ yɛ 4,500, na atɔeɛ yɛ 4,500. 17 Kuro no bɛnya asaase a mmoa bɛdidi so: N’atifi bɛyɛ basafa 250, anaafoɔ bɛyɛ 250, apueeɛ bɛyɛ 250, na atɔeɛ ayɛ 250.
18 “Asaase a ɛbɛka no ne ntoboa kronkron no tenten bɛyɛ pɛ.+ Apueeɛ fam bɛyɛ basafa 10,000 na atɔeɛ fam nso ayɛ 10,000. Ɛne ntoboa kronkron no nyinaa tenten bɛyɛ pɛ; na kuro no mu adwumayɛfoɔ bɛdi so nnɔbaeɛ. 19 Kuro no mu adwumayɛfoɔ a wɔfiri Israel mmusuakuo nyinaa mu bɛyɛ asaase no so adwuma.+
20 “Asaase a mobɛtwa ayɛ ntoboa mũ no nyinaa no, n’afã nnan no biara bɛyɛ basafa 25,000. Momfa bi nyɛ ntoboa kronkron na momfa bi nyɛ kuro no asaase.
21 “Ntoboa kronkron no ne kuro no asaase no, deɛ ɛbɛka akyire wɔ ɛfã ha ne ɛfã ha bɛyɛ ɔberempɔn no dea.+ Ɛbɛtoa asaase basafa 25,000 a ɛda asaase a wɔtwa yɛɛ ntoboa no apueeɛ ne n’atɔeɛ no so. Ɛne nsaase a ɛbɛn no no bɛyɛ pɛ, na ɛbɛyɛ ɔberempɔn no dea. Ntoboa kronkron no ne asɔrefie no kronkronbea no bɛda mfimfini.
22 “Lewifoɔ no asaase ne kuro no asaase bɛda ɔberempɔn no asaase ntam. Ɔberempɔn no asaase bɛda Yuda+ ne Benyamin asaase no ntam.
23 “Na mmusuakuo a aka no deɛ nie: Asaase a ɛdi hɔ firi apueeɛ fam hyeɛ so ba atɔeɛ fam hyeɛ so no yɛ Benyamin dea.+ 24 Simeon kyɛfa toa Benyamin so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 25 Isakar kyɛfa+ toa Simeon so, na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 26 Sebulon kyɛfa toa Isakar so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ.+ 27 Gad kyɛfa toa Sebulon so,+ na n’ahyeɛ firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 28 Gad hyeɛ a ɛwɔ anaafoɔ fam no bɛfiri Tamar+ akɔsi Meribat-Kades+ nsuo ho, na ɛbɛfa Subɔn* no ho+ akɔpem Ɛpo Kɛseɛ* no.
29 “Wei ne asaase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuo no+ sɛ agyapadeɛ, na abusua biara bɛnya ne kyɛfa,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
30 “Kuro no ho akwan nie: Kuro no atifi fam bɛyɛ basafa 4,500.+
31 “Wɔde Israel mmusuakuo no din bɛfrɛ apono no. Apono mmiɛnsa a ɛwɔ atifi fam no, Ruben pono baako, Yuda pono baako, Lewi nso pono baako.
32 “Kuro no apueeɛ fam bɛyɛ basafa 4,500, na ɛbɛnya apono mmiɛnsa; Yosef pono baako, Benyamin pono baako, Dan nso pono baako.
33 “Kuro no anaafoɔ fam bɛyɛ basafa 4,500, na ɛbɛnya apono mmiɛnsa; Simeon pono baako, Isakar pono baako, Sebulon nso pono baako.
34 “Kuro no atɔeɛ fam bɛyɛ basafa 4,500, na ɛbɛnya apono mmiɛnsa; Gad pono baako, Aser pono baako, na Naftali nso pono baako.
35 “Sɛ wɔsusu ɛho nyinaa twa hyia a, ɛbɛyɛ basafa 18,000. Ɛfiri saa da no, wɔbɛfrɛ kuro no Yehowa Wɔ Hɔ.”+