Hesekiel
14 Na Israel mpanimfoɔ no bi baa me nkyɛn na wɔbɛtenaa m’anim.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 3 “Onipa ba, mmarima yi asi wɔn bo sɛ wɔbɛdi wɔn abosom fĩ* no akyi, na suntidua a wɔde ato hɔ no ama nkurɔfoɔ reyɛ bɔne. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ metie wɔn abisadeɛ?+ 4 Afei wo ne wɔn nkasa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ Israelni bi asi ne bo sɛ ɔbɛdi n’abosom fĩ akyi na ɔde suntidua to hɔ ma nkurɔfoɔ yɛ bɔne na sɛ ɔde n’abisadeɛ bɛto odiyifoɔ anim a, me Yehowa, mɛbua no sɛdeɛ n’abosom fĩ no dodoɔ teɛ. 5 Mede ehu bɛhyɛ Israel fie akoma mu,* ɛfiri sɛ wɔn nyinaa awae afiri me ho akɔdi wɔn abosom fĩ no akyi.”’+
6 “Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Monsan mmra, montwe mo ho mfiri mo abosom fĩ no ho; monnane mo ho mfiri akyiwadeɛ a moreyɛ no nyinaa ho.+ 7 Sɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte Israel twe ne ho firi me ho na ɔsi ne bo sɛ ɔbɛdi n’abosom fĩ akyi, na ɔde suntidua to hɔ ma nkurɔfoɔ yɛ bɔne na sɛ ɔba odiyifoɔ nkyɛn de n’abisadeɛ bɛto n’anim+ a, me Yehowa, me ara mɛyi n’ano. 8 Mɛma m’ani asa saa onipa no, na mede no bɛyɛ sɛnnahɔ ne akasabebuo, na mɛtwa no afiri me nkurɔfoɔ mu;+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’
9 “‘Na sɛ odiyifoɔ no ka nnaadaasɛm bi a, me Yehowa na madaadaa odiyifoɔ no;+ na mɛtene me nsa wɔ ne so na masɛe no pasaa afiri me man Israel mu. 10 Na wɔn bɔne ho nsunsuansoɔ bɛba wɔn tiri so. Ɔdebisafoɔ no bɔne bɛyɛ te sɛ odiyifoɔ no bɔne pɛpɛɛpɛ, 11 na Israel fie ammane amfiri m’akyi na wɔamfa wɔn nneɛma bɔne nyinaa angu wɔn ho fĩ bio. Afei wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
12 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 13 “Onipa ba, sɛ asaase bi anni nokorɛ na ɛyɛ me bɔne a, mɛtene me nsa wɔ so na mama aduane ho ayɛ den ama no;*+ mɛma ɛkɔm aba so+ na matwa onipa ne aboa biara afiri so.”+ 14 “‘Sɛ Noa,+ Daniel,+ ne Hiob+ mpo wɔ kuro no mu a, anka mmarima mmiɛnsa yi nko ara na wɔn tenenee nti wɔbɛgye wɔn ho* nkwa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
15 “‘Sɛ mema mmoa bɔne bɛfa asaase no so kunkum ɛso nnipa* ma no dane amamfo na mmoa bɔne no nti obiara ntwam mfa hɔ+ a, 16 mete ase yi, mmarima mmiɛnsa yi mpo wɔ hɔ a, anka wɔrentumi nnye wɔn mma mmarima anaa wɔn mma mmaa; wɔn nko ara na wɔbɛgye wɔn ho nkwa, na asaase no bɛdane amamfo,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
17 “‘Anaa sɛ metwe asaase no so sekan,+ na meka sɛ: “Sekan mmɛfa asaase no so,” na mekunkum nnipa ne mmoa firi so+ a, 18 mete ase yi, mmarima mmiɛnsa yi mpo wɔ hɔ a, anka wɔrentumi nnye wɔn mma mmarima anaa wɔn mma mmaa; wɔn nko ara na wɔn tenenee nti wɔbɛgye wɔn ho nkwa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
19 “‘Na sɛ mede nsanyareɛ a ɛdi awuo ba asaase no so+ na mehwie m’abufuo gu so ma mogya hwie gu, na metwa onipa ne aboa biara firi so, 20 na sɛ Noa,+ Daniel,+ ne Hiob+ mpo wɔ hɔ a, mete ase yi, anka wɔrentumi nnye wɔn mma mmarima anaa wɔn mma mmaa; wɔn nko ara na wɔn tenenee nti wɔbɛgye wɔn ho* nkwa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
21 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Saa ara na ɛbɛba berɛ a mede asotwe nnan* yi,+ afena,* ɛkɔm, mmoa bɔne, ne nsanyareɛ a ɛdi awuo+ aba Yerusalem so de atwa nnipa ne mmoa afiri so no.+ 22 Nanso ebinom bɛnya wɔn tiri adidi mu na wɔde wɔn afiri adi;+ wɔyɛ mma mmarima ne mma mmaa. Wɔbɛba mo nkyɛn, na sɛ mohu wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ a, mmusuo ne biribiara a mede baa Yerusalem so no, mo werɛ bɛkyekye wɔ ho.’”
23 “‘Sɛ mohu wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ a, mo werɛ bɛkyekye, na mobɛhu sɛ deɛ mede baa kuro no so no fata,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”