Hesekiel
15 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, deɛn na bobe dua de kyɛn kwaeɛ mu dua foforɔ biara anaa ne mman? 3 Wɔbɛtumi atwa dua no bi de ayɛ biribi? Anaa wɔbɛtumi de nkyɛnsee asensɛn so? 4 Hwɛ, wɔde gu gya mu ma no hye. Egya no hye anoano ma mfimfini no nso hye. Afei, ɛdeɛn na wobɛtumi de ayɛ? 5 Hwee nyɛɛ no mpo wode yɛ biribiara a ɛnyɛ yie, na kampɛsɛ egya aka no ama no ahye!”
6 “Enti Awurade Tumfoɔ Yehowa aka sɛ, ‘Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛwɔ kwaeɛ mu ama gya sɛ ɛnhye no, saa ara na mɛyɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem.+ 7 Mede m’ani asi wɔn so. Wɔadwane afiri gya mu, nanso egya na ɛbɛhye wɔn. Na sɛ mede m’ani si wɔn so a, mobɛhu sɛ mene Yehowa.’”+
8 “‘Na mɛma asaase no ada mpan,+ ɛfiri sɛ wɔanni nokorɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”