Hesekiel
17 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ka akasabebuo* na bu bɛ fa Israel fie ho.+ 3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɔkɔdeɛ kɛseɛ+ bi a ɔwɔ ntaban akɛseɛ ne ntakra atenten a emu kɔla gu ahodoɔ baa Lebanon+ bɛbuu sida dua mman a ɛwɔ atifi+ no bi. 4 Ɔpan dua no mman a ɛwɔ ne nkɔnmu no de baa adwadifoɔ* asaase so, na ɔkɔduaa no adwadifoɔ kuro bi so.+ 5 Afei ɔfaa asaase no so aba no bi+ kɔduaa no asaase pa bi so. Ɔduaa no baabi a nsuo pii wɔ te sɛ nsuo ano dua. 6 Ɛfifiiɛ, na ɛnyini bɛyɛɛ bobe dua a ɛtene wɔ fam,+ ɛka buaeɛ, na ne nhini nyinii wɔ aseɛ. Afei ɛbɛyɛɛ bobe dua a afefɛ ayiyi nkorabata.+
7 “‘“Na ɔkɔdeɛ kɛseɛ+ foforɔ a ɔwɔ ntaban ne ntakra akɛseɛ+ bae. Ɛhɔ ara na bobe no firii ne nkofie so trɛɛ ne nhini mu kɔɔ ne nkyɛn, na ɛtrɛɛ ne nhaban mu kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔngugu ne so nsuo.+ 8 Ná wɔadua no asaase pa so dada, faako a nsuo pii wɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛyiyi mman na aso aba, na anyini abɛyɛ bobe dua kɛseɛ.”’+
9 “Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Wohwɛ a, ɛbɛyɛ yie? Obi rentutu ne nhini+ mma ɛso aduaba mporɔ anaa?+ Deɛ afefɛ wɔ ho no nso, ɛrenwu anaa? Emu nsuo bɛtwe ara ama ɛrenhia nsa a ɛyɛ den anaa nnipa dodoɔ na wɔatumi atu aseɛ. 10 Ɛwom sɛ wɔtu kɔduaeɛ deɛ, nanso ɛbɛyɛ yie anaa? Sɛ apueeɛ mframa fa ho a, ɛrenwu? Nkofie a ɛfifii wɔ so no, ɛso na ɛbɛwuo.”’”
11 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 12 “Mesrɛ wo, bisa atuatefoɔ* no sɛ, ‘Monte wei ase anaa?’ Ka sɛ, ‘Hwɛ, Babilon hene baa Yerusalem bɛfaa ne hene ne ne mpanimfoɔ, na ɔde wɔn kɔɔ Babilon.+ 13 Afei ɔfaa adehyeɛ asefoɔ* no mu baako+ ne no yɛɛ apam na ɔmaa no kaa no ntam,+ na ɔfaa asaase no so atitire de wɔn kɔe,+ 14 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no bɛbrɛ ase, na antumi annyina ne nan so bio. Enti sɛ ɛbɛkɔ so atena hɔ a, gye sɛ ɛdi n’apam no so.+ 15 Nanso ɛwiee aseɛ no, ɔhene no tee atua tiaa no;+ ɔsoma kɔɔ Egypt sɛ wɔmma no apɔnkɔ+ ne asraafoɔdɔm kɛseɛ.+ Ɛbɛsi no yie anaa? Deɛ ɔyɛ wei no bɛfa ne ho adi? Ɔbɛtumi abu apam no so na wafa ne ho adi anaa?’+
16 “‘“Mete ase yi,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, “ɔbɛwu wɔ Babilon, faako a ɔhene* a ɔde no* tenaa ahennwa so teɛ no; ɔbuu ne ntam animtia na ɔbuu n’apam so.+ 17 Sɛ wɔgye ban na wɔto akoban* na ama wɔatumi akunkum nnipa* pii wɔ ɛko no mu a, Farao asraafoɔdɔm a wɔyɛ den na wɔdɔɔso no mpo rentumi nnye no.+ 18 Wabu ntam animtia na wabu apam so. Ɔhyɛɛ bɔ* deɛ, nanso wayɛ weinom nyinaa, na ɔremfa ne ho nni.”’
19 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mete ase yi, me ntam a ɔbuu no animtia+ ne m’apam a wabu so nti, mɛma ne nneyɛɛ so nsunsuansoɔ aba ne tiri so. 20 Nokorɛ a wanni me nti,+ mɛtrɛ m’atena mu agu ne so,+ na m’atena bɛyi no; mede no bɛkɔ Babilon na mabu no atɛn wɔ hɔ. 21 N’asraafoɔ a wɔbɛdwane no nyinaa bɛwuwu wɔ sekan ano, na wɔn a wɔbɛka no nso, wɔbɛbɔ wɔn ahwete baabiara.*+ Afei mobɛhu sɛ me Yehowa na maka.”’+
22 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛbu sida dua kokuroo no nkɔnmu a afefɛ no+ bi akɔdua; na mɛbu deɛ afefɛ no+ bi so akɔtɛ no bepɔ tenten kokuroo bi so.+ 23 Mɛdua no Israel bepɔ tenten bi so, na ɛbɛyiyi nkorabata na aso aba, na anyini abɛyɛ sida dua kɛseɛ. Nnomaa ahodoɔ nyinaa bi bɛba aseɛ, na wɔbɛtenatena ne nwunu ase. 24 Na wuram nnua nyinaa bɛhu sɛ me Yehowa na mabrɛ dua tenten no ase, na mama dua a ɛwɔ fam no so;+ mama dumono no awu, na mama duwuiɛ no afefɛ.+ Me Yehowa na maka, na mayɛ nso.”’”