Hesekiel
19 “Afei to Israel aberempɔn ho awerɛhoɔ dwom,* 2 na ka sɛ,
‘Wo maame te sɛn? Gyatabereɛ a ɔwɔ agyata mu.
Ná ɔda agyata* a wɔn ho yɛ den ntam; ɛhɔ na ɔyɛn ne mma.
3 Ne mma a ɔyɛn wɔn no mu baako bɛyɛɛ gyata a ne ho yɛ den.+
Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete mmoa mu,
Na ɔkyee nnipa mpo weeɛ.
4 Amanaman tee ne ho asɛm, na wɔkyee no wɔ wɔn amena mu,
Wɔde akɔtɔkorɔ twee no kɔɔ Egypt asaase so.+
5 Ne maame twɛneeɛ, nanso ɔhuu sɛ anidasoɔ biara nni hɔ.
Enti ɔfaa ne ba foforɔ, na ɔyɛɛ no sɛ gyata a ne ho yɛ den.
6 Afei ɔne agyata dii akɔneaba, na ɔbɛyɛɛ gyata a ne ho yɛ den.
Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete mmoa mu, na ɔwee nnipa mpo.+
7 Ɔnantenantee wɔn abandenden ntam, na ɔsɛee wɔn nkuro pasaa;
Ɔde ne mmobɔmu+ hyɛɛ asaase a ada mpan no so ma.
8 Na aman a ɛwɔ amantam no mu nyinaa de wɔn ani sii ne so, na wɔtoo wɔn atena guu ne so,
Wɔkyee no wɔ wɔn amena mu.
9 Wɔde akɔtɔkorɔ twee no kɔhyɛɛ buo mu de no kɔmaa Babilon hene.
Na wɔde no siee hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrente ne nne wɔ Israel mmepɔ so bio.
10 Ná wo maame te sɛ bobe+ wɔ wo mogya mu,* na wɔduaa no nsuo ho.
Nsuo pii nti, ɛnyaa nkorabata bebree na ɛsoo aba.
11 Ɛbɛnyaa nkorabata a ɛyɛ den a wɔtumi de yɛ ahempoma.
Ɛnyini yɛɛ tenten senee nnua a aka,
Na ne tenten ne ne nhaban kuhaa nti, na obiara hunu.
Ne nkorabata denden no, wɔbubuiɛ, ɛwoeɛ,+ na gya hyeeɛ.+
14 Egya firii ne nkorabata mu baeɛ, na ɛhyee deɛ afefɛ no ne n’aba nyinaa.
Afei, na ɛnni nkorabata a ɛyɛ den bio, na ɛnni ahempoma bio.+
“‘Ɛyɛ awerɛhoɔ dwom,* na ɛbɛkɔ so ayɛ awerɛhoɔ dwom.’”