Yona
1 Yehowa ka kyerɛɛ Amitai ba Yona*+ sɛ: 2 “Sɔre kɔ Niniwe+ kuropɔn no mu, na ka atemmusɛm kyerɛ kurom hɔfoɔ, ɛfiri sɛ wɔn amumuyɛ abɛduru m’anim.”
3 Nanso Yona dwane firii Yehowa anim de n’ani kyerɛɛ Tarsis, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔhuu po so hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis. Enti ɔtuaa ka foro kɔtenaa mu sɛ ɔredwane Yehowa na ɔne wɔn akɔ Tarsis.
4 Na Yehowa maa mframa kɛseɛ bi bɔ faa po no so, na ahum kɛseɛ bi tuiɛ, na hyɛn no yɛɛ sɛ ɛrebɛbɔ. 5 Ná hyɛn no mu adwumayɛfoɔ suro paa, enti obiara su frɛɛ ne nyame sɛ ɔmmoa no. Na wɔfirii aseɛ yiyii nneɛma a ɛwɔ hyɛn no mu to guu po no mu sɛdeɛ emu bɛyɛ hare.+ Nanso Yona deɛ, na wasiane akɔhyɛ hyɛn* no ase baabi ada hatee. 6 Ɛnna hyɛn no mu panin kɔɔ ne nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na woada? Sɔre frɛ wo nyame ɛ! Ebia nokorɛ Nyankopɔn no bɛhu yɛn mmɔbɔ na yɛanwuwu.”+
7 Afei wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yɛmmɔ ntonto+ na yɛnhunu deɛ wama mmusuo yi aba.” Enti wɔbɔɔ ntonto, na ɛbɔɔ Yona.+ 8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, ka kyerɛ yɛn: Hwan na wama mmusuo yi aba yɛn so? Adwuma bɛn na woyɛ, na ɛhe na wofire? Ɔman bɛn so na wofire, na kuro bɛn so na wofire?”
9 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Meyɛ Hebrini, na mesom* Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɛpo ne asaase no.”
10 Berɛ a ɔkaa saa no, nkurɔfoɔ no bɔɔ hu kɛse paa, na wɔbisaa no sɛ: “Deɛn na woayɛ yi?” (Ná nkurɔfoɔ no nim sɛ ɔredwane Yehowa, ɛfiri sɛ na waka akyerɛ wɔn.) 11 Enti wɔbisaa no sɛ: “Deɛn na yɛnyɛ wo na ɛpo no ano adwo ama yɛn?” Saa berɛ no, na po no gu so ara rehuru dendeenden. 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma me so na monto me nto po no mu, na ano bɛdwo ama mo, ɛfiri sɛ menim sɛ me nti na ahum kɛseɛ yi aba mo so.” 13 Nanso mmarima no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde hyɛn no bɛfa ahum no mu aba mpoano, nso wɔantumi ɛfiri sɛ na mframa no rebɔ hyia wɔn dendeenden.
14 Afei wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, yɛsrɛ wo mma yɛnnwuwu ɛsiane ɔbarima yi nti!* Mfa mogya a ɛnni fɔ ho asodie nto yɛn so, ɛfiri sɛ wo Yehowa, deɛ ɛsɔ w’ani na woayɛ yi!” 15 Ɛnna wɔmaa Yona so too no too po no mu, na ɛpo no dwoe. 16 Na nnipa no suroo Yehowa papaapa,+ enti wɔbɔɔ afɔreɛ maa Yehowa, na wɔhyehyɛɛ bɔ.
17 Na Yehowa maa apataa kɛseɛ bi ba bɛmenee Yona, na Yona dii apataa no yam nnansa, awia ne anadwo.+