Yona
4 Nanso Yona ani annye asɛm no ho koraa, na ne bo fuu yie. 2 Enti ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Ao, Yehowa, ɛnyɛ asɛm a mewɔ m’asaase so no mekaeɛ no ara na ɛda hɔ yi? Ɛno nti na medwanee sɛ merekɔ Tarsis no,+ ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ Onyankopɔn a wowɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu, wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+ na ɛha wo sɛ wobɛma amanehunu aba. 3 Afei Yehowa, mesrɛ wo, gye me nkwa* firi me nsam, na ɛyɛ sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.”+
4 Na Yehowa bisaa no sɛ: “Enti wo bo afu dendeenden yi, ɛyɛ?”
5 Ɛnna Yona firii kuro no mu kɔɔ apueeɛ fam baabi kɔtenaa hɔ, na ɔbɔɔ apata* bi tenaa ne nwunu ase sɛ ɔretwɛn ahwɛ deɛ ɛbɛto kuro no.+ 6 Na Yehowa Nyankopɔn maa kɔntoa* bi fifi kataa Yona so, na ɔnyaa nwunu maa ɛgyee no firii n’ahoyera mu. Kɔntoa yi nti, Yona ani gyee papaapa.
7 Nanso adeɛ kyeeɛ a animu retete no, nokorɛ Nyankopɔn no maa osã bɛwee kɔntoa no, na ɛwui. 8 Berɛ a awia pueeɛ no, Onyankopɔn maa apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɔe, na awia hyee Yona apampam maa no yɛɛ mmerɛ. Afei ɔsrɛɛ ara sɛ ɔnwu,* na ɔka sii so sɛ: “Ɛyɛ sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.”+
9 Ɛnna Onyankopɔn bisaa Yona sɛ: “Wohwɛ a ɛyɛ sɛ kɔntoa yi nti, wo bo fu dendeenden saa?”+
Ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ sɛ me bo afuo. Me bo afu ara ama menyaeɛ a anka mawu.” 10 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Wo deɛ, kɔntoa yi mpo asɛm ha wo. Nanso woammrɛ ho, na ɛnyɛ wo na womaa no nyiniiɛ. Ɛfifii anadwo baako, na ɛwuu anadwo baako. 11 Na me deɛ, Niniwe kuro kɛseɛ+ a emu nnipa boro 120,000 a wɔnnim papa ne bɔne,* ɛne wɔn mmoa bebrebe yi asɛm nha me anaa?”+