Yona
2 Afei Yona bɔɔ Yehowa ne Nyankopɔn mpaeɛ wɔ apataa no yam,+ 2 na ɔkaa sɛ:
“M’ahoyera mu na mesu frɛɛ Yehowa, na ɔgyee me so.+
Adamena* yafunu mu na mesu hwehwɛɛ mmoa.+
Na wotiee me.
W’asorɔkye a ano yɛ den bu faa me so.+
4 Ɛnna mekaa sɛ, ‘Wɔapamo me afiri w’anim!
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ w’asɔrefie kronkron no bio?’
Na nwura kyekyeree me ti.
6 Mesiane kɔɔ mmepɔ ase tɔnn.
Adamena* apono kaa me hyɛɛ mu daa.
Nanso wo, Yehowa me Nyankopɔn, woyii me nkwa firii amena mu.+
7 Berɛ a me nkwa* refiri me nsa no, mekaee Yehowa.+
Ɛnna me mpaebɔ duruu w’anim, w’asɔrefie kronkron hɔ.+
8 Wɔn a wɔde wɔn ho to abosonhunu so no, wɔpo onii a ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn no.
9 Nanso me deɛ, mede me nne bɛda wo ase na mabɔ afɔreɛ ama wo.
Ɛbɔ a mahyɛ biara mɛtua.+
Nkwagyeɛ firi Yehowa.”+
10 Berɛ bi akyi no, Yehowa maa apataa no kɔfee Yona too asaase kesee so.