Mika
2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:
“Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔ so,
Nkɔ Yakob Nyankopɔn fie.+
Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,
Na yɛbɛnante n’akwan so.”
Na Sion na mmara* bɛfire,
Na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.
Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,
Na wɔrensua akodie bio.+
4 Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase,+
Na obiara renhunahuna wɔn,+
Ɛfiri sɛ asafo Yehowa ano na aka.
5 Na aman no mu biara bɛnante ne nyame din mu,
Na yɛn deɛ, yɛbɛnante Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu+ daa daa.
6 Asɛm a Yehowa aka nie “:Saa da no,
Mɛboaboa wɔn* a na wɔtɔ gu wɔn nan so no ano,
Na maka wɔn* a wɔahwete no aboa ano,+
Ɛne wɔn a memaa wɔhunuu amane no.
7 Wɔn* a na wɔtɔ gu wɔn nan so a wɔaka no, mɛkora wɔn so,+
Na wɔn a wɔapamo wɔn kɔ akyirikyiri no, mɛyɛ wɔn ɔman kɛseɛ;+
Na Yehowa bɛdi wɔn so hene wɔ Sion Bepɔ so,
Firi nnɛ akɔsi daa.
8 Na wo, O aban a wɔgyina so bɔ nnwan ho ban,
Sion babaa bepɔ ketewa,+
Wo nkyɛn na ɛbɛba, aane, wo nkyɛn na tumidie a ɛdi kan* no bɛba,+
Ahennie a ɛyɛ Yerusalem babaa deɛ no.+
9 Adɛn nti na woreteateam dendeenden saa?
11 Afei aman pii bɛboa wɔn ho ano aba wo so;
Wɔbɛka sɛ, ‘Ma ne ho ngu fĩ,
Na ma yɛmfa yɛn ani nhunu sɛ wei ato Sion.’
12 Nanso wɔnnim Yehowa adwene,
Na wɔnnim ne tirim asɛm;*
Ɛfiri sɛ ɔbɛboaboa wɔn ano sɛ hwiit* a wɔatwa no foforɔ aboa ano akuakuo agu ayuporobea.