Mika
6 Mepa mo kyɛw, montie deɛ Yehowa reka.
Monsɔre, na monka mo asɛm wɔ mmepɔ anim,
Na nkokoɔ nte mo nne.+
2 O mmepɔ, montie Yehowa asɛm,*
Asaase nnyinasoɔ a ɛtim hɔ, montie,+
Ɛfiri sɛ Yehowa ne ne nkurɔfoɔ anya asɛm;
Israel na ɔne no bɛdi asɛm:+
3 “Me man, deɛn na mede ayɛ wo?
Na deɛn na mede ayɛ wo a ama woabrɛ?+
Ka ma obiara nte.*
4 Hwɛ, me na meyii wo firii Egypt asaase so;+
Megyee wo firii nkoafie.+
Na mesomaa Mose ne Aaron ne Miriam dii w’anim.+
5 Me man, mepa wo kyɛw, kae deɛ Moab hene Balak bɔɔ pɔ sɛ ɔbɛyɛ no,+
Ɛne mmuaeɛ a Beor ba Baalam de maa no no,+
Deɛ ɛsiiɛ firi Sitim+ kɔsi Gilgal+ no,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu Yehowa tenenee nnwuma.”
6 Deɛn na memfa mmra Yehowa anim?
Deɛn na memfa mmɛkoto Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no?
Memmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma no?
Anaa memfa anantwie mma a wɔn mu biara adi afe mmra?+
Memfa me babarima a ɔyɛ m’abakan mmɛtua m’atuateɛ ka?
8 O onipa, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.
Na deɛn na Yehowa rehwehwɛ afiri wo hɔ?
9 Yehowa nne refrɛ kuro no;
Wɔn a wɔnim nyansa bɛsuro wo din.
Montie abaa no ne deɛ ɔde abaa no baeɛ no.+
10 Agyapadeɛ a wɔbɔɔ apoo nyaeɛ no, ebi da so wɔ abɔnefoɔ fie anaa?
Na efa susudeɛ* a wɔabɔ toɔ a ɛyɛ abusudeɛ nso ɛ?
11 Sɛ mewɔ nsenia* a mede sisi nkurɔfoɔ a, m’abrabɔ ho bɛte* anaa?
Na mewɔ kotokuo a asisie nkariboɔ wom nso a, m’abrabɔ ho bɛte anaa?+
12 Awudisɛm ahyɛ kuro no mu asikafoɔ ma,
Na emufoɔ ka atosɛm;+
Wɔn kɛtrɛma a ɛda wɔn anom no, nnaadaa ayɛ no ma.+
Wobɛtwe wo nneɛma, nanso worentumi nkora so,
Na deɛ wobɛkora so mpo, mede bɛma sekan.
15 Wobɛdua aba, nanso worentwa.