Nahum
3 Kuro a ɛhwie mogya guo, due!
Nnaadaa ne korɔno ahyɛ no ma.
Daa ɔfom nneɛma.
2 Apɔnkɔ abaa ne nteaseɛnam nan ase gyegye wɔ hɔ;
Apɔnkɔ a wɔretu mmirika dendeenden ne nteaseɛnam a ɛrehurihuri ba.
3 Ɔpɔnkɔsotefoɔ abɛduru, sekan ano repa gya, na pea ano repa yerɛyerɛ;
Nnipa pii awuwu, na afunu sum hɔ;
Awufoɔ no dodoɔ nni ano.
Nkurɔfoɔ nan pempem afunu.
4 Ne nyinaa firi tuutuuni no adwamammɔ bebrebe no,
Ɔbaa nimuonyamfoɔ a ne ho yɛ fɛ, asumansɛm hemmaa no;
Ɔno na ɔde n’adwamammɔ sum aman fidie na ɔde n’asumansɛm nya mmusua.
5 Asafo Yehowa aka sɛ: “Hwɛ, me ne wo* anya!+
Mɛpagya w’ataadeɛ akɔduru wo tiri;
Mɛma amanaman ahu w’adagya,
Na ahennie ahu w’animguaseɛ.
Hwan na ɔbɛgyam no?’
Ɛhe na mɛnya awerɛkyekyefoɔ ama wo?
8 No-Amon*+ a ɛwɔ Nil asuasu ho+ no, wokyɛn no anaa?
Ɔno na na nsuo atwa ne ho ahyia;
Ɛpo na na ɛyɛ n’ahodeɛ; ɛpo na na ɛyɛ n’afasuo.
9 Etiopia ne Egypt hɔ na ɔnyaa ahoɔden a ɛnni ano.
Put+ ne Libiafoɔ nso boaa wo.+
Ne mma nso, wɔtetee wɔn mu wɔ mmɔnten so baabiara.
Wɔbɔɔ ne mmarima animuonyamfoɔ so ntonto,
Na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu n’atitire nyinaa.
Na wo tamfo hɔ na wobɛhwehwɛ dwankɔbea.
12 W’abandenden nyinaa te sɛ borɔdɔma aba a ɛdi kan;
Sɛ wɔwoso a, ɛporo gu adifoɔ anom.
13 Hwɛ, wo dɔm bɛdane mmaa.
Wɔbɛbue w’asaase apono ato hɔ ama w’atamfo.
Egya bɛhye nnadeɛ a ɛbrambram w’apono akyi no.
14 Fa nsuo sie ma da a wɔbɛka mo ahyem no.+
Hyɛ w’abandenden mu den.
Kɔ atɛkyɛ mu na kɔwɔ dɔteɛ,
Na sɔ adeɛ a wɔde twa birikisi mu.
15 Ɛhɔ mpo egya bɛhye wo.
Na sekan bɛdi wo nam.+
Ɛbɛsɛe wo te sɛ deɛ ntutummɛ sɛe adeɛ.+
Ma wo dodoɔ nnɔɔso sɛ ntutummɛ mma;
Ampa, ma wo dodoɔ nnɔɔso sɛ ntutummɛ.
16 Woama w’adwadifoɔ adɔɔso asene ɔsoro nsoromma.
Ntutummɛ mma worɔ wɔn ho gu hɔ, na wɔtu kɔ.
17 W’awɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ,
Na wo mpanimfoɔ te sɛ ntutummɛ manyamanya.
Wɔtetare ban ho awɔ da,
Nanso awia bɔ pɛ na wɔatu kɔ,
Na obiara nhunu baabi a wɔwɔ bio.
18 O Asiria hene, wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko;
W’atumfoɔ adwodwo wɔn ho wɔ wɔn atenaeɛ.
Wo manfoɔ ahwete wɔ mmepɔ so,
Na obiara nni hɔ a ɔbɛboaboa wɔn ano.+
19 Worennya ahotɔ biara wɔ w’amanehunu mu.
Wo kuro renwu da.