Nahum
1 Niniwe ho atemmusɛm:+ Nahum* a ɔfiri Elkos no anisoadehunu nwoma:
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho,+ na ɔtua bɔne so ka;
Yehowa tua bɔne so ka, na ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda n’abufuo adi.+
Yehowa tua wɔn a wɔne no di asie no ka,
Na ɔboaboa abufuo ano twɛn n’atamfo.
Ɔreba a, mframa a ɛsɛe adeɛ ne ahum na ɛdi n’akyi,
Na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.+
Basan ne Karmel afifideɛ twintwam+
Na Lebanon nhwiren nso twintwam.
Asaase hu n’anim a, ɛbɔ birim;
Ɛne wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa.+
6 Hwan na ɔbɛtumi agyina n’abufuo ano?+
Na hwan na ɔbɛtumi agyina n’abufuhyeɛ ano?+
N’abufuo bɛdɛre sɛ gya,
Na ne nti abotan bɛdwiri agu.
7 Yehowa yɛ,+ na ɔyɛ abandenden wɔ ahohia berɛ mu.+
9 Pɔ bɛn na mobɛtumi abɔ atia Yehowa?
Ɔde ɔsɛeɛ pasaa reba.
Ahohia no rensan mma bio.+
11 Deɛ ɔbɔ Yehowa ho pɔ bɔne
Ne deɛ ɔma afotu bɔne nyinaa bɛfiri wo mu aba.
12 Deɛ Yehowa aka nie:
“Ná wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso,
Nanso wɔbɛtwitwa wɔn agu ama wɔn ase ahye.*
Mama mo ho ahiahia mo,* nanso meremma mo ho nhiahia mo bio.
Ahoni a woasene ne deɛ wode nnadeɛ ayɛ* a ɛwɔ w’anyame fie* no, mɛsɛe ne nyinaa.
Mɛyɛ adamena ama wo, ɛfiri sɛ mfasoɔ biara nni wo so.’
O Yuda, di w’afahyɛ.+ Ɛbɔ a woahyɛ no, di so,
Ɛfiri sɛ ohuhuni biara rentwam wɔ w’asaase so bio.
Wɔbɛsɛe no pasaa.”