Hagai
1 Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, Yehowa faa odiyifoɔ Hagai* so+ ka kyerɛɛ Sealtiel ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado, ne Yehosadak ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panin no sɛ:
2 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Ɔman yi ka sɛ, “Berɛ nnya nsoe sɛ yɛsi* Yehowa fie* no.”’”+
3 Na Yehowa asɛm san faa odiyifoɔ Hagai+ so baa sɛ: 4 “Mo deɛ, berɛ aso ama mo sɛ motena adan a mode nnua asiesie mu no mu berɛ a efie yi abubuo, ɛnte saa?+ 5 Enti deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Deɛ moreyɛ no, monnwene ho yie.* 6 Modua aba pii, nanso nnɔbaeɛ kakraa bi na motwa.+ Modidi, nanso mommee. Monom, nanso ɛnso mo. Mofira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye. Ɔpaani de n’akatua gu kotokuo a aseɛ nyinaa atutu ntokuro mu.’”
7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Deɛ moreyɛ no, monnwene ho yie.’*
8 “‘Momforo nkɔ bepɔ so nkɔbu nnua mmra,+ na monsi fie no,+ na m’ani bɛgye ho, na ɛbɛhyɛ me animuonyam,’+ Yehowa asɛm nie.”
9 “‘Mohwɛɛ nneɛma pii kwan, nanso kakraa bi na mo nsa kaeɛ; na berɛ a mode baa fie no, mehu guiɛ.+ Adɛn ntira?’ asafo Yehowa asɛm nie. ‘Ɛfiri sɛ me fie abubu, nanso mo deɛ, obiara di akɔneaba de hwɛ ne fie yie.+ 10 Ɛno nti, ɔsoro amma mo bosuo, na asaase nso amma mo nnɔbaeɛ. 11 Na mefrɛɛ ɛpɛ fitaa baa asaase so, ne mmepɔ so, ne hwiit,* ne bobesa foforɔ so, ne ngo so, ne asaase so afifideɛ so, ne onipa so, ne nyɛmmoa so, ne mo nsa ano adwuma nyinaa so.’”
12 Sealtiel ba+ Serubabel,+ ne Yehosadak+ ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panin, ne ɔmanfoɔ a aka no nyinaa tiee Yehowa wɔn Nyankopɔn, na wɔtiee odiyifoɔ Hagai nsɛm no, ɛfiri sɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn na ɔsomaa no; na Yehowa nti, nkurɔfoɔ no firii aseɛ suroe.
13 Ɛnna Yehowa somafoɔ Hagai de asɛm a Yehowa de asoma no no too ɔman no anim sɛ: “‘Meka mo ho,’+ Yehowa asɛm nie.”
14 Afei Yehowa kanyan+ Sealtiel ba Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado+ no, ɔkanyan Yehosadak ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin no, na ɔkanyan ɔmanfoɔ a aka no nyinaa. Na wɔbae, na wɔfiri aseɛ yɛɛ asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn fie no ho adwuma.+ 15 Ná ɛyɛ Ɔhene Dario+ ahennie afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so 24.