Hagai
2 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 21 no, Yehowa faa odiyifoɔ Hagai so+ kaa sɛ: 2 “Mepa wo kyɛw, bisa Sealtiel ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado+ no, ne Yehosadak+ ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin no, ne ɔmanfoɔ a aka no sɛ: 3 ‘Mo mu hwan na waka a ɔhuu sɛdeɛ na efie* yi animuonyam teɛ kane no?+ Seesei nso mohu no sɛn? Sɛ mode toto kane deɛ no ho a, monhunu sɛ ɛnsɛ hwee koraa?’+
4 “‘Enti afei Serubabel, hyɛ wo ho den,’ Yehowa asɛm nie, ‘na Yehosadak ba ɔsɔfo panin Yosua nso, hyɛ wo ho den.’
“‘Na asaase no sofoɔ nyinaa nso, monhyɛ mo ho den,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na monyɛ adwuma.’
“‘Ɛfiri sɛ meka mo ho,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 5 ‘Monkae ɛbɔ a mehyɛɛ mo berɛ a mofirii Egypt no,+ na me honhom da so ka mo ho.*+ Monnsuro.’”+
6 “Ɛfiri sɛ deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛrenkyɛ koraa, mɛwoso ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne asaase a ɛso awo.’+
7 “‘Na mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo* bɛba;+ na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma,’+ asafo Yehowa asɛm nie.
8 “‘Dwetɛ yɛ me dea, na sika kɔkɔɔ nso yɛ me dea,’ asafo Yehowa asɛm nie.
9 “‘Animuonyam a efie yi bɛnya daakye no bɛsene kane deɛ no,’+ asafo Yehowa na aka.
“‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha,’+ asafo Yehowa asɛm nie.”
10 Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so 24 no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hagai+ sɛ: 11 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mepa wo kyɛw, bisa asɔfoɔ no asɛm yi fa mmara no ho sɛ:+ 12 “Sɛ obi de nam kronkron gu n’ataadeɛ mu, na ɔde n’ataadeɛ no ka paanoo anaa forɔeɛ anaa bobesa anaa ngo anaa aduane foforɔ biara a, ɛbɛyɛ kronkron anaa?”’”
Na asɔfoɔ no buaa sɛ: “Daabi!”
13 Ɛnna Hagai bisaa sɛ: “Sɛ obi a efunu* ama ne ho agu fĩ de ne nsa ka saa nneɛma yi bi a, adeɛ no ho bɛgu fĩ anaa?”+
Na asɔfoɔ no buaa sɛ: “Ɛho bɛgu fĩ.”
14 Enti Hagai kaa sɛ: “‘Saa ara na nkurɔfoɔ yi teɛ, saa ara na ɔman yi teɛ wɔ m’ani so,’ Yehowa asɛm nie, ‘na saa ara na wɔn nsa ano adwuma nyinaa teɛ; biribiara a wɔde ba hɔ no ho agu fĩ.’
15 “‘Enti mepa mo kyɛw, ɛfiri saa da yi rekɔ, monnwene asɛm yi ho yie:* Ansa na wɔde ɛboɔ reto ɛboɔ so wɔ Yehowa asɔrefie hɔ no,+ 16 na nneɛma te sɛn? Sɛ obi ba hwiit* a wɔaboa ano ho sɛ ɔbɛnya susukuruwa 20 a, 10 pɛ na na ɔnya; na sɛ obi ba amena a wɔkyĩ nsã wom ho sɛ ɔrebɛsa nsã susukuruwa 50 a, 20 pɛ na na ɔnya.+ 17 Mede ɛhyew a ano yɛ den baa mo so, na memaa yareɛ te sii mo mfuo so,+ na memaa asukɔtweaa baa mo so, ne mo nsa ano adwuma nyinaa so, nanso mo mu baako mpo ansan amma me nkyɛn,’ Yehowa asɛm nie.
18 “‘Mepa mo kyɛw, ɛfiri saa da yi rekɔ, monnwene asɛm yi ho yie,* ɛfiri bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so 24, ɛfiri da a wɔtoo Yehowa asɔrefie no fapem no;+ monnwene wei ho yie:* 19 Aba bi da so ara wɔ adekoradan* no mu anaa?+ Na ɛbɛsi nnɛ, bobe ne borɔdɔma ne granate akutuo* ne ngodua nnya nsoo aba, ɛnte saa? Ɛfiri saa da yi rekɔ mɛhyira mo.’”+
20 Na bosome no da a ɛtɔ so 24 no, Yehowa nam Hagai so kaa ne mprenu so+ sɛ: 21 “Ka kyerɛ Yuda amrado Serubabel sɛ, ‘Merebɛwoso ɔsoro ne asaase.+ 22 Na mɛka ahennie ahennwa abutu, na masɛe amanaman no ahennie ahoɔden;+ na mɛbutu teaseɛnam na mayi wɔn a wɔtete mu no ahwe, na apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so bɛhwehwe ase, na obiara bɛwu ne nua sekan ano.’”+
23 “‘Saa da no,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘mɛfa wo, Sealtiel+ ba Serubabel,+ m’akoa,’ Yehowa asɛm nie; ‘na mede wo bɛyɛ sɛ ahyɛnsodeɛ kawa, ɛfiri sɛ wo na mayi wo,’ asafo Yehowa asɛm nie.”