Sakaria
3 Na ɔmaa mehuu ɔsɔfo panin Yosua.+ Ná ɔgyina Yehowa bɔfoɔ no anim, na na Satan+ nso gyina Yosua nsa nifa so a ɔpɛ sɛ ɔsi no kwan. 2 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan+ sɛ: “Yehowa nka w’anim, Satan; aane, Yehowa a wayi Yerusalem+ no nka w’anim! Wei nyɛ dua a wɔahwim afiri egya mu anaa?”
3 Saa berɛ no, na Yosua hyɛ ataade fĩ gyina ɔbɔfoɔ no anim. 4 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina n’anim no sɛ, “Monyi n’ataade fĩ no mfiri ne ho.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, mayi wo bɔne* afiri wo ho, na wɔde ataadeɛ a ani teɛ* bɛhyɛ wo.”+
5 Enti mekaa sɛ: “Ma wɔmfa abotire a ɛho teɛ mmɔ ne ti.”+ Na wɔde abotire a ɛho teɛ bɔɔ ne ti, na wɔhyɛɛ no ataadeɛ; saa berɛ no, na Yehowa bɔfoɔ no gyina nkyɛn hɔ baabi. 6 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Sɛ wonante m’akwan so, na woyɛ adwuma a mede ama wo no a, ɛnneɛ wobɛyɛ ɔtemmufoɔ wɔ me fie+ na woahwɛ m’adihɔ so;* na mɛma woanya kwan aba me nkyɛn te sɛ wɔn a wɔgyinagyina ha yi.’
8 “‘O Ɔsɔfo Panin Yosua, mepa wo kyɛw, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtena w’anim no, montie, ɛfiri sɛ saa mmarima no gyina hɔ ma deɛ ɛbɛsi daakye. Hwɛ! Mede m’akoa+ a ne din de Mfefɛeɛ+ no reba! 9 Hwɛ ɛboɔ a mede ato Yosua anim no! Ɛboɔ baako pɛ yi so na ani nson wɔ; na meretwerɛ* biribi agu so,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘na mede da koro bɛyi asaase no bɔne* afiri hɔ.’+
10 “‘Saa da no,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘mo mu biara bɛfrɛ ne yɔnko akɔ ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase.’”+