Sakaria
4 Na ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no san bae, na ɔnyanee me te sɛ deɛ ɔrenyane obi a wada. 2 Ɛnna ɔbisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wohunu?”
Na mekaa sɛ: “Hwɛ! Mehunu kaneadua bi a wɔde sika kɔkɔɔ nko ara+ na ayɛ a kyɛnsee si so. Nkanea nson sisi so,+ aane, nson; na nkanea a ɛsisi so no wowɔ dorobɛn nson. 3 Na ngodua mmienu sisi ho;+ baako wɔ kyɛnsee no nifa so, ɛnna baako nso wɔ benkum so.”
4 Afei mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: “Me wura, weinom nyinaa kyerɛ sɛn?” 5 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no nso bisaa me sɛ: “Enti wonnim deɛ weinom nyinaa kyerɛ?”
Ɛnna mekaa sɛ: “Mennim, me wura.”
6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔreka akyerɛ Serubabel nie: ‘“Ɛnyɛ asraafoɔdɔm anaa nnipa ahoɔden,+ na mmom me honhom na menam so bɛyɛ weinom nyinaa,”+ asafo Yehowa asɛm nie. 7 O bepɔ kɛseɛ, woyɛ hwan? Wobɛdane asaasetraa+ wɔ Serubabel anim.+ Na ɔde atifi boɔ no bɛba berɛ a wɔrebɔ ose. Wɔbɛbɔ ose aka sɛ: “Hwɛ ne fɛ! Hwɛ ne fɛ!”’”
8 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 9 “Serubabel nsa na ɛtoo efie yi fapem,+ na ɔno ara ne nsa na ɛbɛwie.+ Na wobɛhunu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn. 10 Mma obiara mmmu ɛda a adwuma no firii aseɛ nketenkete no animtia.+ Ɛfiri sɛ wɔbɛdi ahurisie, na wɔbɛhunu prumo* wɔ Serubabel nsam. Nson yi yɛ Yehowa ani a ɛkyini fa asaase nyinaa so no.”+
11 Na mebisaa no sɛ: “Ngodua mmienu a ɛsisi kaneadua no nifa ne ne benkum yi kyerɛ sɛn?”+ 12 Ɛnna mebisaa no ne mprenu so sɛ: “Ngodua nkorabata* mmienu yi, deɛ ɛhwie ngo a ani te sɛ sika kɔkɔɔ fa sika kɔkɔɔ dorobɛn mmienu mu no, ɛkyerɛ sɛn?”
13 Na ɔbisaa me sɛ: “Enti wonnim deɛ weinom kyerɛ?”
Ɛnna mekaa sɛ: “Mennim, me wura.”
14 Enti ɔkaa sɛ: “Weinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn a wɔgyina asaase nyinaa Wura no nkyɛn no.”+