Sakaria
5 Afei mehwɛɛ soro bio, na mehunuu nwoma mmobɔeɛ bi a atu nam wiem. 2 Na ɔbisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wohunu?”
Ɛnna mekaa sɛ: “Mehunu nwoma mmobɔeɛ bi a atu nam wiem. Ne tenten yɛ basafa* 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10.”
3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wei ne nnome a apue rekɔ asaase nyinaa so, ɛfiri sɛ nwoma mmobɔeɛ no fã baako kasa tia korɔno, nanso obiara a ɔbɔ korɔno+ afa ne ho adi. Nwoma mmobɔeɛ no fã baako a aka no kasa tia ntam hunu, nanso obiara a ɔka ntam hunu+ afa ne ho adi. 4 ‘Me na memaa no pue kɔeɛ,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘na ɛbɛkɔ korɔmfoɔ fie na akɔ deɛ ɔde me din ka ntam hunu no fie; na ɛbɛtena saa fie no mu na asɛe fie no ne emu nnua ne emu aboɔ nyinaa.’”
5 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no san baa me nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mepa wo kyɛw, ma w’ani so na hwɛ deɛ apue rekɔ yi.”
6 Ɛnna mebisaa sɛ: “Ɛyɛ deɛn?”
Na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ efa susudeɛ* na apue rekɔ no.” Na ɔtoaa so sɛ: “Sei na wɔteɛ wɔ asaase nyinaa so.” 7 Na mehunuu sɛ wɔapagya mmuasoɔ kurukuruwa a wɔde sumpii* ayɛ no, na na ɔbaa bi te susudeɛ no mu. 8 Enti ɔkaa sɛ: “Amumuyɛ nie.” Na ɔkaa no hyɛɛ efa susudeɛ no mu, na ɔde sumpii a emu yɛ duru no kataa ano.
9 Afei mehwɛɛ soro, na mehuu mmaa mmienu bi a wɔatu fãã nam mframa mu reba. Ná wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn ntaban. Na wɔmaa susudeɛ no so faa wiem.* 10 Enti mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: “Ɛhe na wɔde efa susudeɛ no rekɔ?”
11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔde no rekɔ Sinar* asaase so+ akɔsi dan ama no. Na sɛ wɔsi wie a, wɔde no bɛtena hɔ, baabi a ɛfata no no.”