Sakaria
6 Afei mehwɛɛ soro bio, na mehuu sɛ nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu ntam reba, na na mmepɔ no yɛ kɔbere mmepɔ. 2 Teaseɛnam a ɛdi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na na ɛretwe, na teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no, apɔnkɔ tuntum+ na na ɛretwe. 3 Teaseɛnam a ɛtɔ so mmiɛnsa no, apɔnkɔ fitaa na na ɛretwe, na teaseɛnam a ɛtɔ so nnan no, apɔnkɔ a wɔn ho yɛ damedame ne nsisiinsisii+ na na ɛretwe.
4 Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: “Me wura, weinom nso ɛ?”
5 Ɛnna ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: “Weinom yɛ ɔsoro ahonhom nnan no.+ Wɔbɛgyinagyinaa asaase nyinaa Wura no anim,+ na wɔapue rekɔ. 6 Deɛ* apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ atifi fam asaase so;+ apɔnkɔ fitaa no rekɔ po agya, ɛnna apɔnkɔ damedame no rekɔ anaafoɔ fam asaase so. 7 Na apɔnkɔ nsisiinsisii no deɛ, na wɔrepɛ ntɛm apue akɔkyinkyini asaase so.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Monkɔ, monkɔkyinkyini asaase so.” Na wɔfirii aseɛ kyinkyinii asaase so.
8 Ɛnna ɔteaam frɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam asaase so no ama Yehowa honhom ahome wɔ atifi fam asaase no so.”
9 Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 10 “Gye deɛ Heldai ne Tobiya ne Yedaia de firi wɔn a wɔatu wɔn ase kɔ obi man so hɔ baeɛ no; na saa da no, wo ne wɔn a wɔfiri Babilon aba no nkɔ Sefania ba Yosia fie. 11 Fa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ ahenkyɛ,* na fa hyɛ Yehosadak ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panin no ti.+ 12 Na ka kyerɛ no sɛ,
“‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Wei ne ɔbarima a ne din de Mfefɛeɛ+ no. Ɔbɛfefɛ wɔ ne tenabea, na ɔbɛsi Yehowa asɔrefie no.+ 13 Ɔno na ɔbɛsi Yehowa asɔrefie no, na ɔno na ɔbɛnya animuonyam no. Ɔbɛtena n’ahennwa so adi hene, na ɔbɛsan ayɛ ɔsɔfoɔ wɔ n’ahennwa so,+ na asomdwoeɛ bɛtena mmienu no ntam.* 14 Na ahenkyɛ* no bɛyɛ nkaeɛ adeɛ ama Helem ne Tobiya ne Yedaia+ ne Sefania ba Hen wɔ Yehowa asɔrefie hɔ. 15 Na nnipa a wɔfiri akyirikyiri bɛba, na wɔabɛsi Yehowa asɔrefie no bi.” Na mobɛhunu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn. Sɛ motie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm a, weinom nyinaa bɛba mu.’”