Sakaria
7 Na Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nkron a ɛne Kislew* no da a ɛtɔ so nnan no, Yehowa ne Sakaria+ kasae. 2 Na Betelfoɔ somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Yehowa sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ, 3 na wɔmmisa asafo Yehowa fie* asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: “Mensu bosome a ɛtɔ so nnum no mu,+ na menyɛ akɔnkyene* sɛdeɛ mayɛ mfeɛ pii no anaa?”
4 Na asafo Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 5 “Bisa asaase no sofoɔ ne asɔfoɔ no nyinaa sɛ, ‘Berɛ a moyɛɛ akɔnkyene na mosuu bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson no mu+ mfeɛ 70 no,+ moyɛɛ akɔnkyene no maa me anaa? 6 Na berɛ a modidiiɛ na monomeeɛ no, ɛnyɛ mo ara na modidiiɛ na monom faeɛ? 7 Asɛm a Yehowa nam tete adiyifoɔ so de too dwa no,+ ɛnsɛ sɛ motie anaa? Saa berɛ no, na nnipa tete Yerusalem ne ɛho nkuro mu, na na wɔwɔ asomdwoeɛ. Negeb ne Sefela nso, na nnipa tete hɔ.’”
8 Yehowa asɛm san baa Sakaria nkyɛn bio sɛ: 9 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mommu atɛntenenee,+ na obiara nna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi nkyerɛ ne yɔnko+ na ɔnhu no mmɔbɔ. 10 Monhwɛ na moansisi okunafoɔ anaa agyanka+ anaa ɔhɔhoɔ+ anaa ohiani,+ na obiara mmmɔ ne yɔnko ho pɔ bɔne wɔ n’akomam.’+ 11 Nanso wɔantie,+ na wɔyɛɛ asoɔden,*+ na wɔsisii wɔn aso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrente.+ 12 Wɔmaa wɔn akoma yɛɛ sɛ dɛnkyɛmmoɔ,*+ na wɔantie mmara* ne asɛm a asafo Yehowa nam ne honhom so de faa tete adiyifoɔ no so no.+ Enti asafo Yehowa bo fuu wɔn dendeenden.”+
13 “‘Sɛdeɛ mefrɛe a wɔantie no,+ saa ara na wɔn nso bɛfrɛ, na merentie,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 14 ‘Na memaa mframa a ano yɛ den bɔɔ wɔn hwete kɔɔ aman a wɔnnim so no nyinaa so,+ na asaase no daa mpan wɔ wɔn akyi; obi nkɔ, obi mma.+ Na wɔmaa asaase fɛfɛɛfɛ no danee biribi a ɛyɛ hu.’”