Sakaria
1 Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu,+ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Sakaria*+ a ɔyɛ Ido ba Berekia ba no sɛ: 2 “Yehowa bo fuu mo agyanom dendeenden.+
3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “‘Monsan mmra me nkyɛn,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,’+ asafo Yehowa na aka.”’
4 “‘Monnyɛ sɛ mo agyanom; wɔn na tete adiyifoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mepa mo kyɛw, monsan mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne ho.’”’*+
“‘Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso amma me,’+ Yehowa asɛm nie.
5 “‘Seesei, mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no nso, wɔtenaa ase afebɔɔ anaa? 6 Mmara a mepɛ sɛ mo agyanom di so no, mede maa wɔn. Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no kɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔanni m’asɛm no so a, sei ne sei na ɛbɛto wɔn. Deɛ mekaeɛ no nyinaa baa mu maa mo agyanom hunui, ɛnte saa?’+ Enti wɔsan baa me nkyɛn, na wɔkaa sɛ: ‘Deɛ asafo Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ yɛn no, saa pɛpɛɛpɛ na wayɛ; watua yɛn ka sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nnwuma teɛ.’”+
7 Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu,+ bosome a ɛtɔ so 11 a wɔfrɛ no Sebat* no da a ɛtɔ so 24 no, Yehowa asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Ido ba Berekia ba no nkyɛn, na ɔkaa sɛ: 8 “Menyaa anisoadehunu bi anadwo. Mehunuu sɛ ɔbarima bi te pɔnkɔ kɔkɔɔ so, na na ɔgyina ohwam nnua no mu wɔ subɔn no mu. Ná apɔnkɔ gyinagyina n’akyi; ebi yɛ kɔkɔɔ, ebi yɛ kɔkɔɔ a ani dum, ɛnna ebi nso yɛ fitaa.”
9 Enti mebisaa sɛ: “Me wura, weinom nso ɛ?”
Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no ka kyerɛɛ me sɛ: “Mɛkyerɛ wo baabi a weinom fire.”
10 Afei ɔbarima a ɔgyina ohwam nnua no mu no kaa sɛ: “Weinom na Yehowa asoma wɔn sɛ wɔmmɛkyinkyini asaase so no.” 11 Na wɔka kyerɛɛ Yehowa bɔfoɔ a na ɔgyina ohwam nnua no mu no sɛ: “Yɛakyinkyini asaase so, na hwɛ! asaase nyinaa so ayɛ dinn, na asomdwoeɛ wɔ so.”+
12 Enti Yehowa bɔfoɔ no bisaa sɛ: “O asafo Yehowa, da bɛn koraa na wobɛhu Yerusalem ne Yuda nkuro no mmɔbɔ,+ nkuro a wo bo afu wɔn mfeɛ 70 yi?”+
13 Ɛnna Yehowa de nsɛm a ɛyɛ dɛ ne awerɛkyekyesɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no. 14 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no ka kyerɛɛ me sɛ: “Team ka sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Mede ahokeka bɛdi ama Yerusalem ne Sion; aane, ahokeka kɛseɛ na mede bɛyɛ.+ 15 Me bo afu aman a wɔn ho adwo wɔn no dendeenden,+ ɛfiri sɛ me bo fuu me man kakraa bi,+ nanso wɔmaa me man amanehunu yɛɛ kɛse.”’+
16 “Wei nti, deɛ Yehowa aka nie: ‘“Mede mmɔborɔhunu* bɛsan akɔ Yerusalem.+ Na wɔbɛsi me fie wɔ hɔ.+ Na wɔde susuhoma bɛsusu Yerusalem,” asafo Yehowa asɛm nie.’+
17 “San team bio na ka sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Nneɛma pa bɛsan abu so wɔ me nkuro mu bio; na Yehowa bɛsan akyekye Sion werɛ,+ na ɔbɛsan ayi Yerusalem bio.”’”+
18 Afei mehwɛɛ soro, na mehuu mmɛn nnan.+ 19 Ɛnna mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: “Weinom yɛ deɛn?” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Weinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda+ ne Israel+ ne Yerusalem+ hweteeɛ no.”
20 Afei Yehowa kyerɛɛ me adwumfoɔ* nnan. 21 Na mebisaa sɛ: “Ɛdeɛn na weinom rebɛyɛ?”
Na ɔkaa sɛ: “Weinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda hweteeɛ a obiara antumi amma ne tiri so no. Na weinom nso bɛba abɛma wɔabɔ hu, na wɔatutu aman no mmɛn, aman a wɔmaa wɔn mmɛn so tiaa Yuda asaase maa wɔbɔ hweteeɛ no.”