Mateo Twerɛtohɔ
16 Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no kɔɔ ne nkyɛn, na ɛsiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛfiri soro nkyerɛ wɔn.+ 2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛduru anwummerɛ a, moka sɛ ‘ewiem bɛte, ɛfiri sɛ ewiem ayɛ kɔɔ.’ 3 Anɔpa nso moka sɛ, ‘Ewiem bɛyɛ nwunu ama nsuo atɔ nnɛ, ɛfiri sɛ ewiem ayɛ kɔɔ, na ayɛ kusuu.’ Motumi kyerɛ ewiem tebea ase, nanso mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnne deɛ, montumi nkyerɛ aseɛ. 4 Awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ ne awaresɛefo* kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara,+ gye Yona sɛnkyerɛnne no.”+ Ɛnna ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.
5 Na asuafoɔ no twa kɔɔ asuogya, na wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa paanoo.+ 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, na monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔka* ho.”+ 7 Enti wɔfirii aseɛ dwendwenee ho kaa sɛ: “Yɛamfa paanoo biara.” 8 Yesu hunuu saa no, ɔkaa sɛ: “Adɛn nti na morekeka sɛ moamfa paanoo, mo a mo gyidie sua? 9 Enti monnya ntee aseɛ? Mo werɛ afi paanoo nnum a yɛde maa nnipa 5,000 ne nkɛntɛn dodoɔ a mosesaeɛ no?+ 10 Anaa paanoo nson a yɛde maa nnipa 4,000 ne nkɛntɛn akɛseɛ dodoɔ a mosesaeɛ no, monkae?+ 11 Adɛn nti na monhunu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na meka kyerɛɛ mo? Mmom no, monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔka ho.”+ 12 Ɛnna wɔhuu sɛ ɛnyɛ paanoo mmɔka na ɔkaa sɛ wɔnhwɛ yie wɔ ho, na mmom Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ.
13 Berɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi mpɔtamu no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Nkurɔfoɔ se onipa Ba no ne hwan?”+ 14 Wɔkaa sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni,+ ebinom nso ka sɛ Elia,+ ɛnna ebinom nso se Yeremia anaasɛ adiyifoɔ no mu baako.” 15 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Na mo nso ɛ, mose meyɛ hwan?” 16 Simon Petro buaa sɛ: “Wone Kristo no,+ Onyankopɔn teasefoɔ no Ba.”+ 17 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yona ba Simon, anigyeɛ ne wo, ɛfiri sɛ ɛnyɛ honam ne mogya* na ɛyii no adi kyerɛɛ wo, na mmom m’Agya a ɔwɔ soro no na ɔyi kyerɛɛ wo.+ 18 Afei mereka akyerɛ wo sɛ: Wone Petro,+ na ɔbotan yi+ so na mɛsi m’asafo, na Adamena* apono renni so nkonim. 19 Mede ɔsoro Ahennie nsafoa bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ deɛ wɔakyekyere wɔ soro dada, na biribiara a wobɛsane wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ deɛ wɔasan wɔ soro dada.” 20 Ɛnna ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnhwɛ yie na wɔanka ankyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.+
21 Ɛfiri saa berɛ no rekɔ no, Yesu firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kɔhunu amane pii wɔ mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nsam na wɔku no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.+ 22 Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kaa n’anim sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; wei remma wo so da.”+ 23 Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”+
24 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua* na ɔnni m’akyi daa.+ 25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkora ne nkwa* so no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me nti ɔbɛhwere ne nkwa* no, ne nsa bɛka.+ 26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa* a,+ mfasoɔ bɛn paa na ɔbɛnya? Anaa deɛn na onipa de bɛsesa ne nkwa?*+ 27 Onipa Ba no bɛba n’Agya animuonyam mu a n’abɔfoɔ ka ne ho, na ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.+ 28 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu sɛ onipa Ba no reba n’Ahennie mu.”+