Mateo Twerɛtohɔ
28 Homeda no akyi, nnawɔtwe no da a ɛdi kan ahomakye no, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔhwɛɛ ɛda no.+
2 Na hwɛ! Ná asaasewosoɔ kɛseɛ bi asi, ɛfiri sɛ na Yehowa* bɔfoɔ asiane firi soro abɛpia boɔ no afiri hɔ, na na ɔte so.+ 3 Ná ɔbɔfoɔ no hyerɛn te sɛ anyinam, na n’ataadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.+ 4 Ne ho hu nti, asraafoɔ no ho popoe, na ɛyɛɛ sɛ deɛ wɔawuwu.
5 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa no sɛ: “Monnsuro, na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no+ no. 6 Ɔnni ha, ɛfiri sɛ wɔanyane no sɛdeɛ ɔkaeɛ no.+ Mommra, mommɛhwɛ faako a na ɔda no. 7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ no sɛ wasɔre afiri awufoɔ mu. Na hwɛ! ɔredi mo anim akɔ Galilea,+ na ɛhɔ na mobɛhu no. Hwɛ! Maka akyerɛ mo.”+
8 Enti wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara, na wɔde ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tuu mmirika sɛ wɔrekɔbɔ n’asuafoɔ no amanneɛ.+ 9 Na hwɛ! Yesu hyiaa wɔn, na ɔkaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo!” Ɛnna wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsɔɔ ne nan kotoo no. 10 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.”
11 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ no, asraafoɔ+ no bi kɔɔ kuro no mu, na wɔkɔkaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no. 12 Na berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne mpanimfoɔ no hyiaeɛ na wɔbɔɔ pɔ no, wɔmaa asraafoɔ no sika* bebree 13 na wɔkaa sɛ: “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdedaeɛ no na n’asuafoɔ no ba bɛwiaa no.’+ 14 Na sɛ amrado no te a, yɛbɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu akyerɛ no,* enti monnsuro.” 15 Ɛnna wɔgyee sika* no, na wɔyɛɛ deɛ wɔakyerɛ wɔn no. Na asɛm yi trɛɛ wɔ Yudafoɔ mu de bɛsi nnɛ.
16 Na asuafoɔ 11 no kɔɔ Galilea,+ na wɔkɔɔ bepɔ a na Yesu akyerɛ sɛ wɔnkɔhyia wɔ so no so.+ 17 Berɛ a wɔhuu no no, wɔkotoo no. Nanso ebinom adwenem yɛɛ wɔn nãã. 18 Na Yesu baa wɔn nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.+ 19 Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafoɔ,+ mommɔ wɔn asu+ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, 20 monkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so.+ Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kɔsi wiase yi* awieeɛ berɛ.”+