Marko Twerɛtohɔ
13 Berɛ a ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ! aboɔ ne adan yi yɛ fɛ papa!”+ 2 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Moahunu adan akɛseɛ yi? Ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛgya ɛboɔ a ɛda boɔ so wɔ ha; wɔbɛdwiri ne nyinaa agu fam.”+
3 Berɛ a ɔte Ngodua Bepɔ* no so a n’ani tua asɔrefie no, Petro ne Yakobo ne Yohane ne Andrea bisaa no kokoam sɛ: 4 “Ka kyerɛ yɛn, berɛ bɛn na weinom bɛba mu, na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahunu sɛ nneɛma yi nyinaa rebɛba awieeɛ?”+ 5 Enti Yesu firii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ yie na obiara annaadaa mo.+ 6 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na wɔbɛdaadaa nnipa bebree. 7 Bio nso, sɛ mote ɛko, ne ɛko ho nsɛm* a, mommmɔ hu; ɛsɛ sɛ weinom sisi, nanso na awieeɛ no nnya nnurui.+
8 “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahennie asɔre atia ahennie;+ asaasewosoɔ bɛba mmeammea; na ɛkɔm nso bɛba.+ Weinom yɛ awoɔ mu yea* mfitiaseɛ.+
9 “Mo deɛ, monhwɛ mo ho yie. Nkurɔfoɔ de mo bɛkɔ asɛnnibea,+ na me nti, wɔbɛhwe mo wɔ hyia adan mu+ na wɔde mo agyina amrado ne ahemfo anim, na ama moadi wɔn adanseɛ.+ 10 Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔdi kan ka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.+ 11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho; na mmom deɛ wɔde bɛma mo saa berɛ no, ɛno ara na monka, ɛfiri sɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom honhom kronkron.+ 12 Bio nso, onua bɛyi onua ama sɛ wɔnku no, na papa ayi ɔba ama, na mma bɛsɔre atia awofoɔ, na wɔama wɔaku wɔn awofoɔ.+ 13 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo.+ Na deɛ ɔbɛmia n’ani agyina mu akɔsi awieeɛ+ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.+
14 “Nanso sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man+ no sɛ ɛgyina baabi a ɛnsɛ sɛ ɛgyina a (ma deɛ ɔkenkan no mfa nhunumu nyɛ adwuma), momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so.+ 15 Mma deɛ ɔwɔ dan atifi no nnsi fam, na mma ɔnnkɔ ne fie nnkɔfa biribiara mmfiri hɔ; 16 na mma deɛ ɔwɔ afuo mu no nnsan mmma nneɛma a wagya no wɔ akyire ho sɛ ɔrebɛfa n’ataadeɛ ngugusoɔ. 17 Saa nna no mu no, mmaa a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufoɔ nnue!+ 18 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ na ansi awɔ berɛ mu, 19 ɛfiri sɛ saa berɛ no bɛyɛ ahohiahia berɛ.+ Ɛfiri Onyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ de bɛsi saa berɛ no, ebi mmaa da, na ebi nso remma bio.+ 20 Nokorɛm no, sɛ Yehowa* antwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wɔbɛgye no nkwa. Nanso wɔn a wayi wɔn no nti, watwa nna no so.+
21 “Afei nso, sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Kristo no wɔ ha,’ anaa ‘Hwɛ! Ɔno na ɔwɔ hɔ no’ a, monnnye nnni.+ 22 Na atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre,+ na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ de adaadaa nkurɔfoɔ, na sɛ ɛbɛyɛ yie a, wɔadaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo. 23 Enti monhwɛ yie.+ Madi kan aka biribiara akyerɛ mo.
24 “Nna no mu no, saa ahohiahia no akyi no, awia bɛduru sum, na bosome renhyerɛn,+ 25 na nsoromma bɛfiri soro ahwehwe fam, na wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden. 26 Na wɔbɛhunu sɛ onipa Ba no+ nam mununkum mu de tumi kɛseɛ ne animuonyam reba.+ 27 Na ɔbɛsoma abɔfoɔ, na wɔbɛboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, afiri asaase ano akɔsi ɔsoro nohoa.+
28 “Afei monsua biribi mfiri borɔdɔma dua ho mfatoho yi mu: Sɛ ɛnya fefɛ na ɛyiyi nhaban ara pɛ a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.+ 29 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi resisi a, monhunu sɛ wabɛn, na waduru pono ano.+ 30 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, saa awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam da kɔsi sɛ weinom nyinaa bɛba mu.+ 31 Ɔsoro ne asaase bɛtwam,+ nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.+
32 “Ɛdefa saa da no anaa dɔn no ho deɛ, obiara nnim, ɔsoro abɔfoɔ ne Ɔba no nso nnim, gye Agya no.+ 33 Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn,+ ɛfiri sɛ monnim berɛ a wɔahyɛ no.+ 34 Ɛte sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan a ɔgyaa ne fie na ɔde fie hɔ tumi hyɛɛ ne nkoa nsa.+ Ɔmaa wɔn mu biara adwuma, na ɔhyɛɛ deɛ ɔhwɛ pono ano no sɛ ɔnkɔ so nwɛn.+ 35 Enti monkɔ so nwɛn, ɛfiri sɛ monnim berɛ a efiewura no bɛba,+ sɛ ɛyɛ anwummerɛ oo, anadwo kɔnkɔn oo, ahomakye* oo, anɔpatutuutu oo,+ 36 na sɛ ɔba mpofirim a, wammɛto mo sɛ moadeda.+ 37 Na deɛ mereka akyerɛ mo yi, mereka akyerɛ nnipa nyinaa: Monkɔ so nwɛn.”+