Asomafoɔ Nnwuma
2 Ɛda a na wɔredi Pentekoste* Afahyɛ+ no, na wɔn nyinaa ahyiam faako. 2 Prɛko pɛ na dede bi firi soro baeɛ, te sɛ mframa a ɛrebɔ dendeenden, na ɛgyegyee efie a na wɔte mu no mu nyinaa.+ 3 Na wɔhuu kɛtrɛma bebree a ɛte sɛ gya. Ɛyiyii mmaako mmaako, na ebi bɛsii wɔn mu biara so, 4 na honhom kronkron+ hyɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kaa kasa hodoɔ,* sɛdeɛ honhom no maa wɔtumi kaeɛ no.+
5 Saa berɛ no, na Yudafoɔ a wɔmfa wɔn som nni agorɔ firi wiase aman nyinaa* mu abɛtena Yerusalem.+ 6 Enti berɛ a nnyegyeeɛ no baeɛ no, nnipadɔm bi bɛhyiaeɛ, na na wɔn adwene atu afra, ɛfiri sɛ wɔn mu biara tee sɛ wɔreka ɔno ara ne kasa. 7 Ɛyɛɛ wɔn nwanwa paa, na wɔkaa sɛ: “Hwɛ, nnipa a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ+ anaa? 8 Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na yɛn mu biara te ne kurom kasa yi?* 9 Partifoɔ ne Mediafoɔ+ ne Elamfoɔ+ ne wɔn a wɔtete Mesopotamia, ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia mpɔtamu,+ 10 ne Frigia ne Pamfilia, Egypt ne Libia amantam a ɛbɛn Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma aba, kyerɛ sɛ, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafoɔ+ nyinaa, 11 ne Kretafoɔ ne Arabiafoɔ, yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn nnwuma akɛseɛ* no ho asɛm wɔ yɛn kasa mu.” 12 Aane, ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa, na wɔn adwene tu frae, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Ɛdeɛn na wei kyerɛ?” 13 Na ebinom nso dii wɔn ho fɛ, na wɔkaa sɛ: “Nsã dɔkɔdɔkɔ* aboro wɔn.”
14 Ɛnna Petro ne Dubaako no+ sɔre gyinaa hɔ, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yudea mmarima ne mo a motete Yerusalem nyinaa, monhunu wei, na montie me nsɛm yi yie. 15 Deɛ ɛwom ne sɛ, saa nnipa yi mmoroo nsã sɛdeɛ mo adwene yɛ mo no, ɛfiri sɛ ɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa.* 16 Mmom, wei na wɔnam odiyifoɔ Yoel so kaeɛ no: 17 ‘Onyankopɔn se, “Awieeɛ mmerɛ no mu no, mɛhwie me honhom no bi agu ɔhonam ahodoɔ nyinaa so, na mo mma mmarima ne mo mma mmaa bɛhyehyɛ nkɔm, na mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu, na mo mpanimfoɔ bɛsoso adaeɛ,+ 18 na mɛhwie me honhom no bi agu me nkoa ne me mfenaa mpo so wɔ saa nna no mu, na wɔbɛhyɛ nkɔm.+ 19 Na mɛma anwanwadeɛ aba wiem wɔ soro, na nsɛnkyerɛnne aba asaase so wɔ fam, mogya ne egya ne wisie kumɔnn. 20 Awia bɛdane sum, na bosome adane mogya ansa na Yehowa* da kɛseɛ a ɛkyɛn so no aba. 21 Na obiara a ɔbɛbɔ Yehowa* din afrɛ no no, ɔbɛnya nkwa.”’+
22 “Israel mmarima, montie nsɛm yi: Nasaretni Yesu yɛ ɔbarima a Onyankopɔn maa no yɛɛ nnwuma akɛseɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne wɔ mo mu.+ Onyankopɔn nam deɛ Yesu yɛeɛ no so na ɛyii no adi kyerɛɛ mo pefee, sɛdeɛ mo ara monim no. 23 Saa ɔbarima yi na wɔyii no maeɛ. Ná Onyankopɔn abɔ ne tirim* wɔ ho, na na ɔnim dada sɛ saa ara na ɛbɛba.+ Ɔbarima yi na monam mmaratofoɔ so bɔɔ no asɛndua mu na mokum no no.+ 24 Nanso Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu+ de gyee no firii owuo yea* mu, ɛfiri sɛ na owuo rentumi nkyekyere no.+ 25 Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: ‘Mede Yehowa* asi m’anim daa. Ɔwɔ me nsa nifa, enti merenhinhim da biara da. 26 Wei nti, m’akoma ani gyeeɛ na me kɛtrɛma dii ahurisie kɛseɛ. Na mɛtena* anidasoɔ mu; 27 ɛfiri sɛ worennya me* wɔ Adamena* mu, na woremma deɛ ɔdi nokorɛ ma wo* no mporɔ.*+ 28 Woama mahu nkwa kwan; wobɛma manya anigyeɛ kɛseɛ wɔ w’anim.’+
29 “Mmarima, anuanom, momma menka abusuapanin Dawid ho asɛm pefee nkyerɛ mo. Ɛne sɛ, ɔwuiɛ, na wɔsiee no,+ na ne damena wɔ yɛn nkyɛn de bɛsi nnɛ. 30 Ná ɔyɛ odiyifoɔ, na na ɔnim sɛ Onyankopɔn aka no ntam sɛ ɔde n’aseni* bi bɛtena n’ahennwa so.+ Enti 31 ɔdii kan huu Kristo wusɔreɛ no, na ɔkaa ho asɛm sɛ wɔannya no Adamena* mu, na ne honam nso amporɔ.*+ 32 Yesu yi na Onyankopɔn nyanee no, na yɛn nyinaa yɛ ho adansefoɔ.+ 33 Wɔhyɛɛ no animuonyam de no tenaa Onyankopɔn nsa nifa,+ na ɔnyaa honhom kronkron a Agya no de hyɛɛ no bɔ no firii Agya no hɔ.+ Ɛno nti na wahwie deɛ muhunu na moteɛ yi agu yɛn so yi. 34 Dawid ankɔ soro, nanso ɔno ara kaa sɛ, ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa 35 kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”’+ 36 Enti ma Israel fie nyinaa nhu paa sɛ, Yesu yi a mobɔɔ no asɛndua mu+ no, Onyankopɔn ayɛ no Awurade+ ne Kristo.”
37 Berɛ a wɔtee wei no, ɛwowɔɔ wɔn akomam, na wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: “Mmarima, anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?” 38 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsakra,+ na momma wɔmmɔ mo mu biara asu+ wɔ Yesu Kristo din mu, na moanya bɔnefakyɛ.+ Na mobɛnya honhom kronkron akyɛdeɛ a wɔde ma kwa no. 39 Ɛfiri sɛ bɔhyɛ no+ wɔ hɔ ma mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa, ɛne wɔn a Yehowa* yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”+ 40 Na ɔkaa nsɛm foforɔ pii de dii adanseɛ frenkyemm, na ɔkɔɔ so tuu wɔn fo sɛ: “Momma wɔnnye mo mfiri awoɔ ntoatoasoɔ a akyea yi+ mu.” 41 Enti wɔn a wɔde anigyeɛ gyee n’asɛm no, wɔbɔɔ wɔn asu.+ Na saa da no, wɔde nnipa* bɛyɛ 3,000 bɛkaa wɔn ho.+ 42 Na wɔkɔɔ so yɛɛ aso tiee asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ, wɔbɔɔ fekuo,* wɔboom didiiɛ,+ na wɔbɔɔ mpaeɛ daa.+
43 Nokwasɛm ne sɛ, ehu firii aseɛ kaa obiara,* na asomafoɔ no firii aseɛ yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne bebree.+ 44 Wɔn a wɔbɛyɛɛ agyidifoɔ no nyinaa hyiaa mu, na wɔde wɔn nneɛma nyinaa boom, 45 na wɔtontɔn wɔn ahodeɛ+ ne wɔn agyapadeɛ, na deɛ wɔnya firii mu no, wɔkyekyɛ maa obiara nyaa deɛ ɔhia.+ 46 Wɔde adwenkorɔ* kɔɔ asɔrefie hɔ da biara da, na obiara didii ne yɔnko fie, na wɔde ahosɛpɛ ne akoma a emu teɛ na ɛboom didiiɛ, 47 na wɔyii Onyankopɔn ayɛ, na wɔnyaa nnipa no nyinaa anim adom. Saa berɛ no ara nso, Yehowa* kɔɔ so de wɔn a ɔregye wɔn nkwa no kaa asuafoɔ no ho daa.+