Asomafoɔ Nnwuma
20 Berɛ a basabasa no ano brɛɛ ase no, Paul soma kɔfrɛɛ asuafoɔ no. Afei ɔhyɛɛ wɔn nkuran, na ɔne wɔn dii nkra, na ɔsii kwan so kɔɔ Makedonia. 2 Na ɔkyinkyinii hɔ, na ɔkaa nsɛm bebree de hyɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nkuran. Ɔwieeɛ no, ɔbaa Greece. 3 Ɔdii abosome mmiɛnsa wɔ hɔ, na ɔresan akɔ no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfa Makedonia mmom, ɛfiri sɛ berɛ a ɔrebɛkɔ Siria no, Yudafoɔ no bɔɔ ne ho pɔ.+ 4 Wɔn a na wɔka ne ho ne Beroiani Piro ba Sopata, Aristarko+ ne Sekundo a wɔyɛ Tesalonikafoɔ, Derbeni Gaio, Timoteo,+ ne Tikiko+ ne Trofimo+ a wɔfiri Asia mantam mu no. 5 Saa mmarima yi dii kan, na wɔkɔtwɛn yɛn wɔ Troa; 6 na Paanoo a Mmɔka* Nnim+ nna no akyi no, yɛtenaa hyɛn mu faa po so firii Filipi. Nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, na yɛdii nnanson wɔ hɔ.
7 Da a ɛdi kan wɔ nnawɔtwe no mu no, na yɛahyiam sɛ yɛrebɛdidi. Ɛnna Paul firii aseɛ kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, na ɔbɛfiri hɔ. Na ɔkasaeɛ ara kɔsii anadwo dasuom. 8 Enti na nkanea pii wɔ aborosan dan a yɛahyia wom no mu. 9 Berɛ a Paul gu so rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mpomma no ano. Aberanteɛ no faa mu daa hatee, na nna no nti, ɔfirii aborosan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam, na berɛ a wɔmaa ne so no, na wawu. 10 Na Paul siane kɔɔ fam kɔbutuu ne so, na ɔbam no+ kaa sɛ: “Monnyae gyegyeegye no, na ɔnwuiɛ.”*+ 11 Afei Paul foroo aborosan no, na ɔfaa aduane,* na ɔfirii aseɛ diiɛ. Na ɔtoaa so bɔɔ nkɔmmɔ ara kɔduruu ahomakye, na afei ɔfirii hɔ kɔeɛ. 12 Enti wɔde aberanteɛ no kɔeɛ, na wɔnyaa awerɛkyekyerɛ kɛseɛ sɛ wɔanyane no aba nkwa mu.
13 Na yɛfaa po so hyɛn, na yɛkɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paul. Ɛfiri sɛ na wadi kan aka akyerɛ yɛn sɛ ɔbɛnante akɔ hɔ, enti yɛnhyia no wɔ hɔ na yɛmfa no. 14 Enti berɛ a ɔne yɛn hyiaa wɔ Aso no, yɛfaa no ne no kɔɔ Mitilene. 15 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, yɛtu firii hɔ, na yɛkɔduruu Kio mpoano, na da a ɛdi hɔ no, yɛkɔɔ Samo, na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Mileto. 16 Ná Paul ayɛ n’adwene sɛ ɔrennyina Efeso,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrensɛe berɛ biara wɔ Asia mantam no mu. Ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɛbɛyɛ yie a, wakɔduru Yerusalem+ ɛda a wɔdi Pentekoste Afahyɛ no.
17 Berɛ a ɔwɔ Mileto no, ɔsoma kɔɔ Efeso kɔfrɛɛ asafo mu mpanimfoɔ no. 18 Wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia mantam mu+ no, mo ara monim sɛdeɛ mebɔɔ me bra wɔ mo mu, 19 sɛdeɛ mede ahobrɛaseɛ kɛseɛ*+ ne nisuo som Awurade, ne sɛdeɛ ɛpɔ a Yudafoɔ no bɔeɛ nti, mefaa sɔhwɛ pii mu no. 20 Nneɛma a mfasoɔ wɔ so* biara, meka kyerɛɛ mo; mamfa ansie mo. Na mekyerɛkyerɛɛ mo badwam+ ne afie afie mu.+ 21 Na medii adanseɛ frenkyemm kyerɛɛ Yudafoɔ ne Greecefoɔ sɛ, wɔnsakra wɔn adwene+ na wɔmmra Onyankopɔn nkyɛn, na wɔnnye yɛn Awurade Yesu nni.+ 22 Afei hwɛ! honhom no ahyɛ me, enti merekɔ Yerusalem. Ɛwom, mennim deɛ ɛbɛto me wɔ hɔ, 23 nanso deɛ menim ara ne sɛ, kuro biara mu no, honhom kronkron no kɔ so di me adanseɛ sɛ wɔde me bɛto afiase, na amanehunu da hɔ retwɛn me.+ 24 Nanso, me ara me nkwa* ho nhia me pii.* Deɛ ɛhia me ne sɛ mɛwie mmirika a meretuo no,+ na mawie ɔsom adwuma a menya firii Awurade Yesu hɔ no. Ɛne sɛ mɛdi Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanseɛ frenkyemm.
25 “Afei hwɛ! Menim sɛ mo a mekaa Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ mo no, obiara renhu m’anim bio da. 26 Enti meyi mo adansefoɔ nnɛ da yi sɛ, menni fɔ wɔ onipa biara mogya ho,*+ 27 ɛfiri sɛ deɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ* nyinaa, meka kyerɛɛ mo; mamfa ansie mo.+ 28 Momma mo ani mmra mo ho+ ne nnwankuo no nyinaa so, ɛfiri sɛ honhom kronkron no ayi mo ahwɛfoɔ+ wɔ wɔn mu, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo+ a ɔde ɔno ara ne Ba mogya+ tɔeɛ no so yie. 29 Menim sɛ mekɔ a, mpataku bɔne* bɛba mo mu,+ na wɔrenyɛ nnwankuo no brɛbrɛ, 30 na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre, na wɔbɛkasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafoɔ no adi wɔn akyi.+
31 “Enti monwɛn, na monkae sɛ mfeɛ mmiɛnsa nie,+ awia ne anadwo, mede nisuo tuu mo mu biara fo; mannyae da. 32 Afei mede mo hyɛ Onyankopɔn nsa, na mede mo hyɛ asɛm a ɛfiri n’adom mu no ase. Saa asɛm no bɛtumi ahyɛ mo den, na ama moanya agyapadeɛ wɔ wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa mu.+ 33 M’ani mmeree obiara dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ anaa ataadeɛ.+ 34 Mo ara monim sɛ, nsa yi na ama manya deɛ mehia,+ na ɛno ara nso na ama wɔn a wɔka me ho no anya deɛ wɔhia. 35 Biribiara mu, mede me nneyɛɛ ama moahu sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwumaden+ de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ no. Na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kaeɛ yi: ‘Ɔma mu wɔ anigyeɛ pii+ sene ɔgyeɛ.’”
36 Berɛ a ɔkaa weinom wieeɛ no, ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe, na wɔbɔɔ mpaeɛ. 37 Nokorɛm no, wɔn nyinaa suu yie, na wɔbam Paul,* na wɔfee n’ano. 38 Na deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛho paa ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhu n’anim bio no.+ Na wɔkɔgyaa no kwan kɔɔ po so hyɛn no mu.