Asomafoɔ Nnwuma
5 Ɔbarima bi a ne din de Anania, ne ne yere Safira nso tɔn agyapadeɛ bi. 2 Nanso ɔyii sika a wɔnyaeɛ no bi sieeɛ, na na ne yere nso nim ho bi. Na Anania de sika no fã bi pɛ brɛɛ asomafoɔ no.+ 3 Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Anania, adɛn nti na woama Satan apiapia wo* sɛ bɛdi atorɔ+ kyerɛ honhom kronkron+ no, na fa asaase no ho sika no bi sie? 4 Berɛ a asaase no wɔ hɔ no, na ɛnyɛ wo dea anaa? Na berɛ a wotɔneeɛ no nso, na sika no nyɛ wo ara wo dea? Adɛn nti na woadwene biribi a ɛte saa wɔ w’akomam? Onyankopɔn na woadi atorɔ akyerɛ no, na ɛnyɛ nnipa.” 5 Berɛ a Anania tee asɛm yi no, ɔtwa hweeɛ, na ɔwuiɛ. Na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa. 6 Ɛnna mmeranteɛ no sɔreeɛ, na wɔde ntoma kyekyeree no, na wɔmaa ne so kɔsiee no.
7 Bɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere baa hɔ, na na ɔnnim deɛ asi. 8 Ɛnna Petro bisaa ɔbaa no sɛ: “Ka kyerɛ me, berɛ a motɔn asaase no, sei na mode gyeeɛ anaa?” Ɔkaa sɛ: “Aane, saa na yɛde gyeeɛ.” 9 Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Adɛn nti na mo mmienu ayɛ adwene sɛ mobɛsɔ Yehowa* honhom ahwɛ? Hwɛ! Wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no, wɔn na wote sɛ wɔreba a wɔaduru ɛpono ano no.* Wo nso, wɔbɛsoa wo akɔ.” 10 Ɛhɔ ara na ɔtwa hwee Petro nan ase wuiɛ. Berɛ a mmeranteɛ no bɛduruu hɔ no, wɔhuu sɛ wawu, na wɔmaa ne so pueeɛ, na wɔkɔsiee no wɔ ne kunu nkyɛn. 11 Ɛno nti, ehu kɛseɛ kaa asafo no nyinaa ne wɔn a wɔtee nsɛm yi nyinaa.
12 Bio nso, asomafoɔ no kɔɔ so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree wɔ nkurɔfoɔ no mu,+ na na wɔn nyinaa hyiam wɔ Solomon Abrannaa no so.+ 13 Ɛwom, nnipa a aka no mu biara annya akokoɔduro amfa ne ho ammɔ wɔn; nanso, nkurɔfoɔ kaa wɔn ho asɛmpa. 14 Deɛ ɛsene saa no, wɔn a wɔagye Awurade adi no bebree bɛkaa wɔn ho, mmaa ne mmarima pii.+ 15 Na wɔn a wɔyare mpo, wɔde wɔn baa abɔnten bɛtotoo mpa nketewa ne kɛtɛ so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ Petro retwam a, ne sunsum bɛtumi atɔ wɔn mu bi so.+ 16 Bio nso, nnipa pii fifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no mu bae. Wɔreba no, na wɔsoso ayarefoɔ ne wɔn a ahonhom fĩ ha wɔn, na wɔn nyinaa nyaa ayaresa.
17 Na ɔsɔfo panin no ne wɔn a wɔka ne ho a wɔfiri Sadukifoɔ kuo mu no nyinaa sɔreeɛ, na na ahoɔyaa ahyɛ wɔn ma. 18 Ɛno nti, wɔkyee asomafoɔ no de wɔn guu afiase.+ 19 Nanso anadwo no, Yehowa* bɔfoɔ buebuee afiase apono+ no, na ɔyii wɔn pueeɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 20 “Monkɔ, na monkɔgyina asɔrefie hɔ, na monkɔ so nka nkwa yi ho nsɛm nyinaa nkyerɛ nkurɔfoɔ no.” 21 Berɛ a wɔtee saa no, wɔkɔɔ asɔrefie hɔ ahomakye, na wɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ.
Ɛnna ɔsɔfo panin no ne wɔn a ɛka ne ho no bɛduruiɛ, na wɔfrɛɛ Sanhedrin no ne Israel mma mpanimfoɔ badwa no nyinaa hyiae, na wɔsoma kɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafoɔ no mmra wɔn anim. 22 Nanso berɛ a awɛmfoɔ no kɔduruu hɔ no, wɔanhu wɔn wɔ afiase hɔ. Enti wɔsan kɔbɔɔ amanneɛ. 23 Wɔkaa sɛ: “Yɛhuu sɛ wɔato afiase no mu dendeenden, na na awɛmfoɔ no gyinagyina apono no ano, nanso berɛ a yɛbueeɛ no, yɛanhunu obiara wom.” 24 Berɛ a asɔrefie hwɛfoɔ no ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee asɛm no, wɔn adwene tu fraeɛ ɛfiri sɛ na wɔnnim sɛdeɛ asɛm no bɛkɔ akɔwie. 25 Ɛnna obi ba bɛbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Hwɛ! Mmarima a mode wɔn guu afiase no wɔ asɔrefie hɔ, na wɔgyina hɔ rekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no.” 26 Enti awɛmfoɔ panin no ne n’awɛmfoɔ kɔfaa wɔn baeɛ, nanso wɔanyɛ wɔn basabasa, ɛfiri sɛ na wɔsuro sɛ nkurɔfoɔ no bɛsi wɔn aboɔ.+
27 Enti wɔde wɔn bɛgyinaa Sanhedrin no anim. Na ɔsɔfo panin no bisabisaa wɔn nsɛm. 28 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛhyɛɛ mo dendeenden sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu+ bio. Nanso hwɛ! mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem ma, na moasi mo bo sɛ mode onipa yi mogya bɛba yɛn so.”+ 29 Ɛnna Petro ne asomafoɔ a aka no kaa sɛ: “Onyankopɔn ne sodifoɔ a ɛsɛ sɛ yɛtie no, na ɛnyɛ nnipa.+ 30 Yɛn agyanom Nyankopɔn nyanee Yesu a mosɛn no dua so kum no no.+ 31 Onyankopɔn hyɛɛ Yesu yi animuonyam, na ɔyɛɛ no Ɔsafohene+ ne Agyenkwa,+ na ɔde no tenaa ne nsa nifa+ sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra ne bɔnefakyɛ.+ 32 Yɛyɛ nsɛm yi ho adansefoɔ,+ na honhom kronkron+ a Onyankopɔn de ama wɔn a wɔtie no* no nso di ho adanseɛ.”
33 Berɛ a wɔtee wei no, wɔn bo fuu paa,* na na wɔpɛ sɛ wɔku asomafoɔ no. 34 Nanso Farisini bi a wɔfrɛ no Gamaliel+ sɔree wɔ Sanhedrin no mu. Ná ɔyɛ obi a ɔkyerɛ Mmara, na na nkurɔfoɔ no nyinaa bu no. Ɔkaa sɛ wɔmfa mmarima no mpue kakra. 35 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel mmarima, deɛ mopɛ sɛ mode yɛ saa mmarima yi, monnwene ho yie. 36 Hwɛ, berɛ bi a atwam no, Teuda sɔreeɛ, na ɔkaa sɛ ɔyɛ onipa titire. Na mmarima a wɔn dodoɔ bɛyɛ 400 kɔkaa ne kuo no ho. Nanso wɔkum no, na wɔn a wɔdi n’akyi nyinaa bɔ hweteeɛ, na ansi wɔn yie. 37 Ɔno akyi no, Galileani bi a ne din de Yuda nso sɔree wɔ nna a na wɔretwerɛ din no mu, na ɔtwee nnipa dii n’akyi. Saa ɔbarima no nso wui, na wɔn a wɔdi n’akyi nyinaa bɔ hweteeɛ. 38 Ɛno nti, deɛ ɛrekɔ so seesei yi, deɛ mɛka akyerɛ mo ne sɛ, monnha saa mmarima yi. Mmom, monnyaa wɔn. Ɛfiri sɛ sɛ nkyerɛkyerɛ yi anaa adwuma yi firi nnipa a, ɛbɛgu. 39 Na sɛ ɛfiri Onyankopɔn a, ɛnneɛ morentumi ngu+ no. Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ sɛ deɛ mo ne Onyankopɔn ankasa na ɛreko.”+ 40 Berɛ a ɔkaa wei no, wɔtiee n’afotuo no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no hwee wɔn.+ Na wɔka kyerɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔnnyae Yesu din ho asɛm ka, na wɔgyaa wɔn.
41 Ɛnna wɔde anigyeɛ+ pue firii Sanhedrin no anim kɔeɛ, ɛfiri sɛ wɔbuu wɔn sɛ ne din nti, wɔfata sɛ wɔgu wɔn anim ase. 42 Na wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛeɛ, na wɔkaa Kristo Yesu ho asɛmpa no wɔ asɔrefie hɔ ne afie afie+ mu da biara, na wɔannyae.+