Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
6 Enti deɛn na yɛnka? Yɛntena bɔne mu, na adom adɔɔso anaa? 2 Daabida! Sɛ yɛawu ama bɔne+ a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛakɔ so atena bɔne mu?+ 3 Anaa monnim sɛ yɛn a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu+ no nyinaa, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu?+ 4 Ɛsiane sɛ wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu nti, wɔnam so siee yɛne no,+ na sɛdeɛ Agya no nam n’animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu no, yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛnante asetena foforɔ mu.+ 5 Sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ɛkwan a ɔfaa so wuiɛ mu+ a, ɛnneɛ ɛkwan biara so, yɛne no bɛyɛ baako wɔ ɛkwan a ɔfaa so nyaneeɛ mu nso.+ 6 Na yɛnim sɛ wɔde yɛn suban dada no kaa ne ho bɔɔ asɛndua mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn nipadua a bɔne wɔ ho no rentumi nyɛ hwee,+ na yɛankɔ so anyɛ bɔne nkoa bio.+ 7 Ɛfiri sɛ deɛ wawuo no, wɔde ne bɔne akyɛ no.*
8 Afei nso, sɛ yɛne Kristo awu a, yɛgye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso. 9 Na yɛnim sɛ seesei a wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu+ no, ɔrenwu bio;+ owuo nni ne so tumi bio. 10 Na wu a ɔwuiɛ no, ɔwu de yii bɔne firii hɔ prɛko;+ nanso te a ɔte ase no deɛ, ɔte ase ma Onyankopɔn. 11 Saa ara na mo nso, mommu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na monam Kristo Yesu so te ase ma Onyankopɔn.+
12 Enti mommma bɔne nnkɔ so nnni hene wɔ mo nipadua a ɛtumi wuo no so,+ na amma moantie n’akɔnnɔ. 13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mode mo nipadua* ma bɔne sɛ amumuyɛ akodeɛ, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔanyane afiri awufoɔ mu, na momfa mo nipadua* mma Onyankopɔn sɛ tenenee akodeɛ.+ 14 Na ɛnsɛ sɛ bɔne nya mo so tumi, ɛfiri sɛ monhyɛ mmara ase,+ na mmom mowɔ adom ase.+
15 Enti deɛn na yɛreka? Ɛsiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na mmom yɛwɔ adom ase+ nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ bɔne anaa? Daabida! 16 Monnim sɛ obiara a mode mo ho ma no sɛ nkoa na motie no no, tie a motie no nti, moyɛ ne nkoa+ anaa? Mobɛtumi ayɛ nkoa ama bɔne+ a ɛbɛkɔ akɔwie owuo mu,+ anaa mobɛtumi ayɛ nkoa ama ɔsetie a ɛbɛkɔ akɔwie tenenee mu. 17 Nanso aseda nka Onyankopɔn, ɛfiri sɛ na moyɛ bɔne nkoa, nanso afei deɛ, mofiri akoma mu ayɛ ɔsetie ama nkyerɛkyerɛ nhwɛsoɔ a wɔde mo hyɛɛ aseɛ no. 18 Aane, ɛsiane sɛ wɔama moade* mo ho afrii bɔne ho+ nti, moabɛyɛ nkoa ama tenenee.+ 19 Me ne mo rekasa sɛdeɛ nnipa kasa, ɛfiri sɛ mo honam yɛ mmerɛ; na sɛdeɛ mode mo akwaa yɛɛ nkoa maa efĩ ne mmarato maa ɛkɔwiee mmarato mu no, saa ara na afei momfa mo akwaa nyɛ nkoa mma tenenee mma ɛnkɔwie ahoteɛ mu.+ 20 Ɛfiri sɛ berɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na moade* mo ho afiri tenenee ho.
21 Saa berɛ no, aba bɛn na na mosoɔ? Ɛyɛ nneɛma a seesei ɛyɛ mo aniwuo. Saa nneɛma no awieeɛ yɛ owuo.+ 22 Nanso seesei a wɔama moade* mo ho afiri bɔne ho abɛyɛ Onyankopɔn nkoa yi, moreso aba a ɛyɛ kronkron,*+ na n’awieeɛ yɛ daa nkwa.+ 23 Ɛfiri sɛ bɔne akatua ne owuo,+ na akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa+ a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu+ so.