Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
7 Anuanom, enti monnim sɛ berɛ a onipa te ase no, Mmara no di ne so anaa? (Ɛfiri sɛ merekasa akyerɛ wɔn a wɔnim mmara.) 2 Ɔbaa warefoɔ sei, sɛ ne kunu te ase a, mmara akyekyere no afam ne kunu no ho. Nanso sɛ ne kunu no wu a, wɔasane no afiri ne kunu no mmara ho.+ 3 Ne saa nti, berɛ a ne kunu te ase no, sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforɔ dea* a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefoɔ.+ Nanso sɛ ne kunu wu a, ɔnhyɛ ne mmara ase bio. Enti sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforɔ dea* a, ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.+
4 Ɛno nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so aku mo ama Mmara no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ obi foforɔ dea.+ Ɔno na wɔnyanee no firii awufoɔ mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛso aba ama Onyankopɔn.+ 5 Na berɛ a na yɛyɛ deɛ ɔhonam pɛ no, akɔnnɔ bɔne a Mmara no nyanee no no yɛɛ adwuma wɔ yɛn nipadua* mu, na ɛmaa yɛsoo aba a ɛkɔ owuo mu.+ 6 Nanso afei deɛ, wɔasane yɛn afiri Mmara no ho,+ ɛfiri sɛ yɛawu ama deɛ na akyekyere yɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛfa honhom no so ayɛ nkoa wɔ kwan foforɔ so,+ na ɛnyɛ ɛkwan dada a ɛgyina mmara a wɔatwerɛ no so.+
7 Enti deɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne anaa? Daabida! Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ Mmara no a, anka mennim bɔne.+ Ɛho nhwɛsoɔ nie: Sɛ ɛnyɛ Mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma w’ani mmmere adeɛ”+ a, anka mennim aniberɛ. 8 Nanso mmara no nti, bɔne nyaa kwan maa aniberɛ nyinaa bi kɔɔ so wɔ me mu, ɛfiri sɛ sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne awu.+ 9 Nokorɛm no, berɛ bi a na mmara nni hɔ no, na mete ase. Nanso berɛ a mmara no baeɛ no, bɔne baa nkwa mu bio, na me deɛ, mewuiɛ.+ 10 Na mmara a ɛsɛ sɛ ɛde me kɔ nkwa mu+ no, mebɛhuu sɛ ɛde me kɔ owuo mu mmom. 11 Na mmara no nti, bɔne nyaa kwan daadaa me, na ɛnam so kuu me. 12 Enti Mmara no ankasa deɛ, ɛyɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron, ɛtene, na ɛyɛ papa.+
13 Ɛnneɛ, adepa de me kɔɔ owuo mu anaa? Daabida! Bɔne mmom na ɛyɛɛ saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi sɛ bɔne na ɛnam adepa so de owuo baa me so,+ na ama bɔne afa mmara asɛm no so ada ne ho adi sɛ bɔne yɛ amumuyɛ kɛseɛ paa.+ 14 Na yɛnim sɛ Mmara no yɛ honhom mu adeɛ, nanso me deɛ, meyɛ ɔhonam a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase.+ 15 Na deɛ meyɛ no, mente aseɛ. Ɛfiri sɛ deɛ mepɛ no, ɛnyɛ ɛno na meyɛ, na mmom deɛ mekyiri na meyɛ. 16 Sɛ deɛ mempɛ na meyɛ a, ɛnneɛ megye tom sɛ Mmara no yɛ. 17 Nanso nokwasɛm ne sɛ, seesei ɛnyɛ me ara na meyɛ saa nneɛma no, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.+ 18 Na menim sɛ me mu, kyerɛ sɛ, me honam mu deɛ, biribi pa biara nte mu; ɛfiri sɛ mepɛ sɛ meyɛ adepa, nanso menni tumi a mede bɛyɛ.+ 19 Na adepa a mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ, na bɔne a mempɛ no, ɛno mmom na meyɛ. 20 Na sɛ deɛ mempɛ sɛ mɛyɛ na meyɛ a, ɛnneɛ na ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.
21 Enti mehu mmara yi wɔ me ho. Ɛne sɛ: Sɛ mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ a, deɛ ɛnyɛ na ɛwɔ me mu.+ 22 Me mu deɛ, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho yie,+ 23 nanso mehu mmara foforɔ bi wɔ me nipadua* mu. Saa mmara no ne mmara a ɛwɔ m’adwene mu no ko,+ na ɛde me yɛ akoa ma bɔne mmara+ a ɛwɔ me nipadua* mu no. 24 M’asɛm yɛ mmɔbɔ! Nipadua a ɛde me rekɔ saa owuo yi mu no, hwan na ɔbɛgye me afiri ne nsam? 25 Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Afei me ara mede m’adwene ayɛ akoa ama Onyankopɔn mmara, na mede me honam ayɛ akoa ama bɔne mmara.+