Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
3 Yɛnsan mfiri aseɛ nni yɛn ho adanseɛ bio anaa? Anaa sɛdeɛ ebinom yɛ no, ɛhia sɛ yɛde adansedie nkrataa brɛ mo anaa yɛnya bi firi mo hɔ? 2 Mo ara mone yɛn krataa+ a wɔatwerɛ no yɛn akoma so, a nnipa nyinaa hu na wɔkenkan. 3 Biribiara kyerɛ sɛ moyɛ Kristo krataa, na yɛn a yɛyɛ asomfoɔ no, yɛn na yɛtwerɛeɛ.+ Ɛnyɛ adubire na yɛde twerɛeɛ, mmom yɛde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom na ɛtwerɛeɛ. Yɛantwerɛ no abopono so;+ mmom yɛtwerɛɛ no honam apono so, wɔ akoma so.+
4 Yɛnam Kristo so na anya saa ahotɔsoɔ yi wɔ Onyankopɔn mu. 5 Ɛnyɛ deɛ yɛreka ne sɛ yɛn ara yɛfata yie sɛ yɛyɛ saa adwuma yi, na mmom Onyankopɔn na ɔma yɛfata yie.+ 6 Ɔno na wama yɛafata yie sɛ yɛyɛ apam foforɔ+ asomfoɔ. Yɛnyɛ mmara a wɔatwerɛ+ ho asomfoɔ, na mmom yɛyɛ honhom deɛ; ɛfiri sɛ mmara a wɔatwerɛ no bu nnipa fɔ kɔ owuo mu,+ na honhom no deɛ, ɛma nkwa.+
7 Mmara a ɛde owuo ba a wɔatwerɛ* no aboɔ so+ no mpo baa wɔ animuonyam mu, enti Israel mma antumi anhwɛ Mose anim ɛsiane animuonyam a na ɛwɔ n’anim no nti.+ Saa animuonyam no, na ɛbɛtwam. 8 Ɛnneɛ, honhom a wɔde ma no+ nso ɛ? N’animuonyam rennɔɔso nsene saa+ anaa? 9 Sɛ na mmara apam a ɛde afobuo ba+ no wɔ animuonyam+ a, ɛnneɛ na deɛ ɛde tenenee ba no bɛnya animuonyam a ɛkyɛn saa koraa!+ 10 Nokwasɛm ne sɛ, deɛ berɛ bi na ɛwɔ animuonyam no mpo, wɔayi ɛho animuonyam no afiri hɔ ɛsiane animuonyam a ɛboro ɛno so nti.+ 11 Sɛ deɛ na ɛbɛtwam no de animuonyam na ɛbae+ a, ɛnneɛ deɛ ɛbɛtena hɔ no animuonyam bɛkyɛn saa koraa!+
12 Ɛsiane sɛ yɛwɔ anidasoɔ a ɛte saa+ nti, yɛde ahotɔsoɔ kɛseɛ kasa; 13 na deɛ Mose yɛeɛ no, ɛnyɛ ɛno bi na yɛyɛ. Ɔno deɛ, na ɔde adeɛ kata n’anim+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israel mma rennyene wɔn ani nhwɛ deɛ na ɛbɛtwam no awieeɛ. 14 Nanso, wɔn adwene daeɛ.*+ Na ɛde bɛsi nnɛ no, berɛ biara a wɔbɛkenkan apam dada no, nkataanimu no da so ara wɔ hɔ a wɔnnya nyiiɛ,+ ɛfiri sɛ ɛnam Kristo nko ara so na wɔbɛyi afiri hɔ.+ 15 Nokwasɛm ne sɛ, ɛde bɛsi nnɛ nyinaa, berɛ biara a wɔbɛkenkan Mose nsɛm no,+ nkataanimu da so ara kata wɔn akoma so.+ 16 Na sɛ obi dane ba Yehowa* nkyɛn a, wɔyi nkataanimu no.+ 17 Yehowa* yɛ Honhom,+ na baabi a Yehowa* honhom wɔ no, ahofadie wɔ hɔ.+ 18 Na berɛ a yɛn nyinaa de yɛn anim a yɛnkataeɛ no da Yehowa* animuonyam adi sɛ ahwehwɛ no, wɔsakra yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam a ɛkyɛn so mu, sɛdeɛ Yehowa* a ɔyɛ Honhom* no yɛ no no pɛpɛɛpɛ.+