Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
5 Na yɛnim sɛ, sɛ wɔdwiri yɛn fie a ɛwɔ asaase so yi gu, kyerɛ sɛ, sɛ wɔdwiri saa ntomadan yi gu a,+ yɛbɛnya ɛdan bi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Ɛyɛ fie a wɔamfa nsa ansi+ a ɛwɔ hɔ daa wɔ soro. 2 Na fie* yi mu na yesũ di awerɛhoɔ wɔ yɛn mu, na yɛhwɛ kwan dendeenden sɛ yɛbɛhyɛ deɛ ɛyɛ yɛn dea* a ɛfiri soro*+ no, 3 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ yɛnya hyɛ a, yɛrenna adagya. 4 Nokwasɛm ne sɛ, yɛn a yɛte ntomadan yi mu no, yesũ di awerɛhoɔ wɔ yɛn mu, na nneɛma hyɛ yɛn so. Ɛfiri sɛ yɛmpɛ sɛ yɛworɔ wei gu hɔ, nanso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ baako no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene deɛ ɛwuo no.+ 5 Na Onyankopɔn ne deɛ wasiesie yɛn ama wei.+ Ɔno na ɔde honhom no ama yɛn sɛ deɛ ɛbɛba no ho adanseɛ a ɛdi mu.*+
6 Enti yɛwɔ akokoɔduro daa, na yɛnim sɛ berɛ dodoɔ a nipadua no yɛ yɛn fie no, yɛnni Awurade nkyɛn,+ 7 ɛfiri sɛ yɛnam gyidie mu, na ɛnyɛ deɛ yɛhunu mu. 8 Nanso yɛwɔ akokoɔduro, na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛfiri nipadua mu na yɛne Awurade akɔtena.+ 9 Enti sɛ yɛwɔ ne nkyɛn oo, yɛnni ne nkyɛn oo, yɛde yɛ yɛn botaeɛ sɛ yɛbɛsɔ n’ani. 10 Na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔpue* Kristo atemmuo adwa no anim, na deɛ obiara yɛeɛ berɛ a ɔwɔ nipadua mu no, papa oo, bɔne oo, wanya so akatua.+
11 Enti ɛsiane sɛ yɛnim Awurade suro nti, yɛkɔ so ne nnipa kasa ma wɔgye yɛn di, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim yɛn yie.* Na megye di sɛ mo ahonim* nso nim yɛn yie.* 12 Ɛnyɛ sɛ yɛredi yɛn ho adanseɛ akyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo deɛ mobɛgyina so ahoahoa mo ho wɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔmfa deɛ ɛwɔ akomam nhoahoa wɔn ho,+ na mmom wɔde deɛ ani hunu hoahoa wɔn ho no, mobɛnya biribi ama wɔn mmuaeɛ. 13 Na sɛ yɛabɔ dam+ a, yɛabɔ ama Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwenem da hɔ a, emu da hɔ ma mo. 14 Na ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn, ɛfiri sɛ deɛ yɛahunu ne sɛ, ɔbaakofoɔ wu maa obiara;+ ɛno nti obiara awu. 15 Na ɔwu maa obiara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio,+ na mmom wɔbɛtena ase ama deɛ ɔwu maa wɔn na wɔnyanee no no.
16 Enti ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, yɛnnim obiara wɔ honam mu.+ Sɛ mpo, na yɛnim Kristo wɔ ɔhonam mu a, afei deɛ, yɛnnim no saa bio.+ 17 Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ;+ nneɛma dada no atwam; hwɛ! nneɛma foforɔ na aba. 18 Na nneɛma nyinaa firi Onyankopɔn hɔ. Ɔno na ɔnam Kristo so asiesie yɛne ne ntam,+ na wama yɛn ɔsom adwuma a ɛma nnipa siesie wɔne ne ntam,+ 19 kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so resiesie Ɔne wiase bi ntam;+ ɔremmu wɔn mfomsoɔ ngu wɔn so.+ Na ɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛm a ɛbɛma nkurɔfoɔ asiesie wɔne ne ntam.+
20 Enti yɛyɛ ahemmɔfoɔ*+ a yɛsi Kristo anan,+ te sɛ deɛ Onyankopɔn nam yɛn so resrɛ nnipa. Yɛgyina Kristo ananmu resrɛ sɛ: “Momma wɔnsiesie mo ne Onyankopɔn ntam.” 21 Deɛ na ɔnnim bɔne+ no, ɔde no yɛɛ bɔne* maa yɛn, na yɛnam ne so ayɛ ateneneefoɔ wɔ Onyankopɔn anim.*+