Krataa a Ɔde Kɔmaa Kolosefoɔ
3 Sɛ wɔanyane mo ne Kristo+ a, ɛnneɛ monkɔ so nhwehwɛ nneɛma a ɛwɔ soro, baabi a Kristo teɛ wɔ Onyankopɔn nsa nifa so+ no. 2 Momfa mo adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so,+ na ɛnyɛ nneɛma a ɛwɔ asaase so,+ 3 ɛfiri sɛ mowuiɛ, na wɔde mo nkwa ahyɛ Kristo nsa* wɔ Onyankopɔn mu. 4 Sɛ wɔda Kristo a ɔyɛ yɛn nkwa+ no adi a, mo nso wɔbɛda mo adi aka ne ho wɔ animuonyam mu.+
5 Enti, monku mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asaase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adwamammɔ,* ɔbra fĩ,* nna ho akɔnnɔ a wɔntumi nhyɛ so,+ akɔnnɔ bɔne, ne adufudepɛ* a ɛyɛ abosonsom renni mo so. 6 Saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuo reba. 7 Mo nso berɛ bi a atwam no, saa ara na mobɔɔ mo bra.*+ 8 Nanso afei koko bɔne oo, abufuo oo, nneɛma bɔne+ oo, ɔkasatia+ oo, monto ne nyinaa ngu; mommma kasafĩ+ mmpue mmfiri mo anom. 9 Monnni atorɔ nnkyerɛ mo ho.+ Monyi suban* dada no+ ne ne nneyɛɛ ngu, 10 na monhyɛ suban foforɔ+ a wɔnam nokorɛ nimdeɛ so reyɛ no foforɔ no, na ama ɛne deɛ ɔbɔeɛ no suban asɛ.+ 11 Ɛba saa a, Greeceni anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ,* ɔnanani, Skiteni,* akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɛfiri sɛ Kristo na biribiara gyina ne so, na yɛn nyinaa ne no yɛ baako.+
12 Moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo,+ akronkronfoɔ ne adɔfoɔ. Enti momfa ayamhyehyeɛ,+ ayamyɛ, ahobrɛaseɛ,*+ ɔdwoɔ,+ ne aboterɛ+ nyɛ ataadeɛ nhyɛ. 13 Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a,+ ɔnkɔ so nnya ne ho aboterɛ na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.+ Sɛdeɛ Yehowa* ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.+ 14 Weinom nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ nyɛ ataadeɛ nhyɛ,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoma a ɛdi mu a ɛde nkabom ba.+
15 Afei nso, momma Kristo asomdwoeɛ nni mo akoma so,+ ɛfiri sɛ saa asomdwoeɛ no na wɔfrɛɛ mo baa mu wɔ nipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔkyerɛ anisɔ.* 16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu mmoro so, na moanya nyansa nyinaa bi. Obiara nkɔ so mfa nnwom,+ ayeyie, ne nnwom kronkron a wɔde anisɔ to* nkyerɛkyerɛ ne yɔnko mfa nhyɛ ne yɔnko nkuran,* na monto nnwom mo akoma mu mma Yehowa.*+ 17 Na biribiara a moyɛ no, kasa oo, adwuma oo, monyɛ ne nyinaa wɔ Awurade Yesu din mu, na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.+
18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom,+ sɛdeɛ ɛsɔ Awurade ani. 19 Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom,+ na mommma mo bo mmfu wɔn dendeenden.*+ 20 Mma, montie mo awofoɔ asɛm adeɛ nyinaa mu,+ na wei na ɛsɔ Awurade ani. 21 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo+ na wɔn abam ammu. 22 Nkoa, adeɛ nyinaa mu no, montie mo wuranom a wɔwɔ asaase so.*+ Ɛnyɛ berɛ a wɔhunu deɛ moyɛ nko na ɛsɛ sɛ moyɛ saa, na ankɔyɛ sɛ deɛ moresɔ nnipa ani,* na mmom momfa akoma a emu teɛ nyɛ no Yehowa* suro mu. 23 Sɛ moreyɛ biribiara a, momfiri ɔkra* nyinaa mu nyɛ no sɛdeɛ moreyɛ ama Yehowa*+ na ɛnyɛ nnipa, 24 ɛfiri sɛ monim sɛ agyapadeɛ a wɔde bɛtua mo ka no firi Yehowa* hɔ.+ Monyɛ nkoa a mosom Owura Kristo no. 25 Nokorɛm no, deɛ ɔyɛ bɔne no bɛnya adebɔne a ɔyɛeɛ no so akatua,+ na animhwɛ biara remma mu.+