Timoteo Nwoma a Ɛdi Kan
5 Nkasa nkyerɛ ɔpanin yayaaya.*+ Mmom no, wo ne no nkasa sɛ agya, wo ne mmeranteɛ nkasa sɛ nua mmarima, 2 wo ne mmaa mpanimfoɔ nkasa sɛ maamenom, wo ne mmabaawa nkasa sɛ nua mmaa wɔ ahoteɛ nyinaa mu.
3 Akunafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ paa* no, wɔn na hwɛ wɔn.*+ 4 Nanso sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, ɛnneɛ ne mma ne ne mmanana no nsua sɛ wɔbɛdi kan ahwɛ wɔn ankasa fiefoɔ sɛdeɛ onyamesom pa hwehwɛ.+ Na wɔmfa* deɛ ɛfata wɔn awofoɔ ne wɔn nananom mma wɔn,+ ɛfiri sɛ wei na ɛsɔ Onyankopɔn ani.+ 5 Ɔbaa a ɔyɛ okunafoɔ paa, a ahia no buruburoo no, ɔde n’ani ato Onyankopɔn so,+ na daa ɔde nkotosrɛ ne mpaebɔ kɔ n’anim awia ne anadwo.+ 6 Na okunafoɔ a ɔdi honam akɔnnɔ akyi deɛ, ɔte ase, nanso wawu.* 7 Enti kɔ so fa akwankyerɛ* ahodoɔ yi ma, na obi annya wɔn ho asɛm anka. 8 Nokwasɛm nie, sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nkurɔfoɔ, ne ne titire no, ne fiefoɔ a, wapo gyidie no, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie mpo.+
9 Sɛ wɔde okunafoɔ bi din bɛba abɛka ho a, gye sɛ wadi mfe 60 rekɔ, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbaa a na ne kunu yɛ baako, 10 deɛ wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔyɛɛ nnwuma pa,+ deɛ ɔtetee mma,+ deɛ ɔgyee ahɔhoɔ,+ deɛ ɔhohoroo akronkronfoɔ nan ho,+ deɛ ɔboaa wɔn a wɔwɔ amanehunu mu,+ deɛ ɔfiri n’akoma nyinaa mu yɛɛ adwuma pa biara bi.
11 Nanso mfa akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ din nka ho, ɛfiri sɛ sɛ nna ho akɔnnɔ a ɛwɔ wɔn mu no yi wɔn adwene firi Kristo so a, ɛyɛ a na wɔpɛ sɛ wɔware. 12 Na wɔbɛnya atemmuo ɛfiri sɛ wɔapo gyidie a na wɔwɔ kane no.* 13 Berɛ korɔ no ara nso, wɔba bɛyɛ nkurɔfoɔ a wɔmpɛ adwuma,* na wɔkyinkyini nkurɔfoɔ afie mu. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ adwuma nko na wɔmpɛ, na mmom wɔdi nsekuro de wɔn ho gyegye nkurɔfoɔ nsɛm mu+ nso, na wɔkeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka. 14 Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no ware,+ na wɔwo mma,+ na wɔhwɛ fie, na wɔamma ɔtamfo no annya yɛn ho asɛm anka. 15 Deɛ ɛwom ne sɛ, akunafoɔ binom amane akɔdi Satan akyi dada. 16 Sɛ ɔbaa gyidini bi wɔ abusuafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ a, ma no mmoa wɔn, na ammɛyɛ adesoa antɔ asafo no so. Ɛno bɛma asafo no atumi aboa wɔn a wɔyɛ akunafoɔ paa* no.+
17 Wɔmfa anidie mmɔho+ mma mpanimfoɔ a wɔdi nneɛma anim yie+ no, ne titire no, wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ kasa ne nkyerɛkyerɛ mu+ no. 18 Na twerɛsɛm no ka sɛ, “Sɛ nantwie reporo hwiit* a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano,”+ na ɛsan ka sɛ, “Odwumayɛni akatua sɛ no.”+ 19 Sɛ wɔbɔ ɔpanin* bi soboɔ a, nnye ntom, gye sɛ ɛgyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anom asɛm so.+ 20 Wɔn a wɔte bɔne mu no,+ kasa kyerɛ wɔn aniberɛ so+ wɔ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim, na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn a aka no.* 21 Mehyɛ wo dendeenden wɔ Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim sɛ, di akwankyerɛ ahodoɔ yi so a wonyɛ nyiyim ne animhwɛ.+
22 Mpere wo ho mfa wo nsa ngu obiara so da;*+ mma ebinom bɔne nso mmmɛka wo; kɔ so bɔ ɔbra kronkron.
23 Nnom nsuo bio,* na mmom wo yafunu ne yareɛ a wotaa yare nti, nom bobesa kakra.
24 Nnipa bi bɔne da adi ma obiara hu, na ɛkɔwie atemmuo mu, na ebinom nso bɔne da adi akyire yi.+ 25 Saa ara na nnwuma pa nso da adi ma obiara hu,+ na deɛ ɛnna adi mpo no, ɛso rentumi nkata daa.+