Ɔde Kɔmaa Tito
3 Kɔ so kae wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nyɛ ɔsetie mma aban ne tumidie,+ na wɔnsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, 2 wɔnnka obiara ho asɛmmɔne, wɔne nkurɔfoɔ nnham; mmom wɔnyɛ nnipa a wɔte asɛm ase,+ na wɔnyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ berɛ nyinaa.+ 3 Ɛfiri sɛ yɛn nso, berɛ bi a atwam no na yɛnnim nyansa; na yɛn aso yɛ den; na yɛayera; akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ de yɛn yɛɛ nkoa; na yɛte bɔne mu, na na yɛn ani bere adeɛ; yɛyɛɛ akyiwadeɛ; yɛtentan yɛn ho.
4 Nanso berɛ a yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ayamyɛ+ ne ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa daa adi 5 (ɛnyɛ nnwuma a ɛtene a yɛyɛeɛ ntira,+ na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu ntira)+ no, ɔnam dware a wɔdwaree yɛn maa yɛbaa nkwa mu,+ ne honhom kronkron a ɔde yɛɛ yɛn foforɔ+ no so gyee yɛn nkwa. 6 Ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo+ so na ɛhwiee honhom yi guu yɛn so maa ɛbuu so, 7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔnam n’adom so bu yɛn bem+ a, yɛbɛyɛ adedifoɔ*+ sɛdeɛ daa nkwa ho anidasoɔ a yɛwɔ no teɛ no.*+
8 Nsɛm yi yɛ nokorɛ, na mepɛ sɛ wokɔ so tĩ saa nsɛm yi mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no bɛkɔ so de wɔn adwene asi nnwuma pa a wɔbɛyɛ no so. Saa nneɛma yi yɛ, na ɛso wɔ mfasoɔ ma nnipa.
9 Nanso twe wo ho firi akyinnyegyeɛ a nyansa nnim ne abusua santen ho nsɛm ho, na twe wo ho firi mansotwe ne Mmara ho ntɔkwa ho, ɛfiri sɛ mfasoɔ biara nni so, na ɛyɛ adehunu.+ 10 Na obi a ɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ+ deɛ, sɛ wotu no fo* baako ne ne mprenu so a,+ wo ne no mmmɔ.+ 11 Hunu sɛ onipa a ɔte saa no afom kwan, na ɔreyɛ bɔne, na ɔno ara abu ne ho fɔ.
12 Sɛ mesoma Artema anaa Tikiko+ ba wo nkyɛn a, bɔ mmɔden paa bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, ɛfiri sɛ mabɔ me tirim sɛ ɛhɔ na mɛtena awɔ berɛ no. 13 Sena a ɔnim Mmara no yie ne Apolo nyinaa, hwɛ ma wɔn nsa nka deɛ wɔbɛhia de atu kwan no na biribiara anhia wɔn.+ 14 Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nso nsua sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nnwuma pa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi aboa wɔn a wɔhia mmoa dendeenden+ no, na wɔanyɛ nnipa a wɔnso aba.+
15 Wɔn a wɔwɔ me nkyɛn nyinaa kyeakyea wo. Kyea agyidifoɔ a wɔdɔ yɛn no ma me.
Adom nka mo nyinaa.