Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ
1 Tete no, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kasa kyerɛɛ yɛn agyanom. Ɔfaa akwan hodoɔ so kasa kyerɛɛ wɔn mprɛ pii.+ 2 Awieeɛ mmerɛ yi mu deɛ, ɔnam Ɔba no+ so na akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayi no sɛ ɔnni adeɛ wɔ nneɛma nyinaa so,+ na ɔnam ne so na ɛyɛɛ wiase.*+ 3 Ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam nsɛsoɔ,+ na ɔda ne nipaban adi pɛpɛɛpɛ,+ na ɔnam n’asɛm a tumi wom no so ma nneɛma nyinaa kɔ so tena hɔ. Berɛ a ɔdwiraa yɛn ho firii yɛn bɔne ho+ wieeɛ no, ɔkɔtenaa Otumfoɔ no nsa nifa so wɔ soro.+ 4 Ɛno nti, ɔsene abɔfoɔ no,+ ɛfiri sɛ wanya din a ɛsene wɔn deɛ no koraa.+
5 Na abɔfoɔ no mu hwan na Onyankopɔn aka akyerɛ no pɛn sɛ: “Woyɛ me ba; ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya”?+ Anaasɛ: “Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba”?+ 6 Na ɛdefa berɛ a ɔbɛsan de n’Abakan+ no aba asaase so ho no, ɔka sɛ: “Ma Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nkoto no.”*
7 Bio nso, ɔka abɔfoɔ no ho asɛm sɛ: “Ɔsoma n’abɔfoɔ sɛ ahonhom, na ɔsoma n’asomfoɔ+ sɛ ogyaframa.”+ 8 Nanso Ɔba no deɛ, ɔka ne ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahennwa+ daa daa, na w’Ahennie poma yɛ atɛntenenee* ahempoma. 9 Wodɔɔ adetenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa wo+ senee wo mfɛfoɔ no.”+ 10 Afei nso: “O Awurade, wo na mfitiaseɛ no wotoo asaase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. 11 Ne nyinaa bɛtwam, nanso wo deɛ, wowɔ hɔ daa; na ne nyinaa bɛyɛ dada te sɛ ataadeɛ, 12 na wobɛbobɔ no sɛ ntoma, te sɛ ataadeɛ, na ɛbɛsesa. Na wo deɛ, wonsesa da, na wo mfeɛ remma awieeɛ da.”+
13 Na abɔfoɔ no mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ”?+ 14 Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔyɛ adwuma kronkron,*+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛnya nkwagyeɛ no. Ɛnte saa?