Petro Nwoma a Ɛdi Kan
3 Saa ara na mo ɔyerenom nso, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom.+ Sɛ moyɛ saa na moankasa mpo a, monam mo abrabɔ so bɛnya mo kununom a wɔnyɛ aso mma asɛm no,+ 2 ɛfiri sɛ wɔn ara de wɔn ani bɛhu mo abrabɔ pa+ ne obuo a emu dɔ no. 3 Mommma mo ahoɔfɛ nnnyina ahosiesie a nnipa hunu so; ɛnyɛ deɛ ɛhia ne sɛ obi bɛbɔ ne ti, ɔbɛhyɛ sika kɔkɔɔ agudeɛ,+ anaa ɔbɛhyɛ ntaadeɛ a ne boɔ yɛ den; 4 mmom momma no nnyina nneɛma a ɛnsɛe so, kyerɛ sɛ, akomam nipa a ahinta, honhom a ɛdwoɔ na ɛbrɛ ne ho ase;+ wei na ɛsom bo Onyankopɔn anim. 5 Saa ara na tete no, mmaa kronkron a wɔde wɔn ho too Onyankopɔn so no siesiee wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom; 6 Sara yɛɛ saa, na ɔtiee Abraham frɛɛ no me wura.+ Sɛ mokɔ so yɛ papa na moammɔ hu a,+ ɛnneɛ na moabɛyɛ Sara mma.
7 Okununom, saa ara na ɛsɛ sɛ mokɔ so ne wɔn tena wɔ nimdeɛ mu.* Monni mmaa no ni+ sɛ anwenneɛ a ɛyɛ mmerɛ sene mo, na mo mpaebɔ kwan ansi, ɛfiri sɛ nkwa a wɔde adom mo no, wɔn nso anya bi.+
8 Afei mo nyinaa nyɛ adwenkorɔ,+ na monnya tema, onuadɔ, ayamhyehyeɛ,+ ne ahobrɛaseɛ.+ 9 Mommfa bɔne nntua bɔne so ka,+ na mommfa adapaatwa nntua adapaatwa so ka.+ Mmom monhyira nkurɔfoɔ+ na mo nsa aka nhyira, ɛfiri sɛ wei ne asetena a wɔfrɛɛ mo baa mu.
10 Na “deɛ ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ n’ani gye wɔ asetenam* no, ma no nhwɛ ne kɛtrɛma yie na anka asɛmmɔne,+ na ɔnhwɛ n’ano yie na anka nnaadaasɛm. 11 Ma no ntwe ne ho mfiri bɔne ho+ na ɔnyɛ papa;+ ɔnhwehwɛ asomdwoeɛ na ɔnni akyire.+ 12 Yehowa* ani wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn nkotosrɛ;+ wɔn a wɔyɛ bɔne no deɛ, Yehowa* ani sa wɔn.”+
13 Na sɛ mobɔ papayɛ ho mmɔden a, hwan na ɔbɛha mo?+ 14 Na sɛ tenenee nti mohunu amane mpo a, mowɔ anigyeɛ.+ Nanso nneɛma a ɛhunahuna wɔn no,* monnsuro, na mommma no mmɔ mo hu.+ 15 Mmom no, mommu Kristo wɔ mo akomam sɛ ɔyɛ kronkron na ɔno ne Awurade. Monsiesie mo ho sɛ berɛ biara a obi bɛbisa anidasoɔ a mowɔ no ho biribi no, mobɛyi no ano, nanso monyɛ no ɔdwoɔ+ ne anidie*+ mu.
16 Monkura ahonim* pa mu+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asɛmmɔne biara a nkurɔfoɔ bɛka afa mo ho no, ɔbra pa a mobɔ de kyerɛ sɛ moyɛ Kristofoɔ+ no bɛma wɔn ani awu.+ 17 Na sɛ mohunu amane adepa ho, na Onyankopɔn ma kwan saa a, ɛyɛ+ sene sɛ mobɛyɛ bɔne ahunu amane.+ 18 Bɔne nti Kristo wuu prɛko;+ ɔteneneeni wu maa abɔnefoɔ+ na ɔde mo akɔ Onyankopɔn nkyɛn.+ Wɔkum no ɔhonam mu+ nanso wɔmaa no tenaa ase honhom mu.+ 19 Tebea yi mu na na ɔwɔ a ɔkɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase+ no. 20 Wɔn na Noa berɛ so no,+ wɔyɛɛ asoɔden berɛ a Onyankopɔn nyaa aboterɛ twɛneeɛ* no. Saa berɛ no na wɔyɛɛ adaka+ de koraa nnipa kakra so, kyerɛ sɛ, akra* nwɔtwe, na wɔde wɔn twaa nsuyire no.+
21 Deɛ ɛte sɛ wei ne asubɔ, na seesei ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa; ɛnyɛ sɛ ɛyi yɛn honam ho fĩ, na mmom ɛyɛ adesrɛ a yɛde to Onyankopɔn anim de bisa ahonim pa.+ 22 Ɔkɔɔ soro, na ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa;+ na wɔde abɔfoɔ ne atumfoɔ ne ahoɔdenfoɔ ahyɛ n’ase.+