Yohane Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
1 Me ɔpanin no, me na meretwerɛ krataa yi. Meretwerɛ abrɛ wo, awuraa a wɔayi wo, ɛne wo mma. Medɔ mo paa. Ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔabɛhunu nokorɛ no nyinaa nso, 2 ɛfiri sɛ nokorɛ no te yɛn mu, na ɛne yɛn bɛtena daa. 3 Yɛbɛnya adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ afiri Agya Nyankopɔn ne Agya no Ba Yesu Kristo hɔ, na yɛanya nokorɛ ne ɔdɔ aka ho.
4 M’ani agye paa, ɛfiri sɛ mahunu sɛ wo mma no bi nam nokorɛ no mu,+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a yɛnya firii Agya no nkyɛn teɛ no. 5 Enti seesei, awuraa, mesrɛ wo, ma yɛnnodɔ yɛn ho. (Deɛ meretwerɛ abrɛ wo yi, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ, na mmom deɛ yɛnya firii mfitiaseɛ no.)+ 6 Na deɛ ɔdɔ kyerɛ nie: Ɛne sɛ yɛbɛkɔ so anante sɛdeɛ n’ahyɛdeɛ teɛ.+ Sɛdeɛ mote firii mfitiaseɛ no, wei ne ahyɛdeɛ no, sɛ́ monkɔ so nnante mu. 7 Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase.+ Wɔn na wɔnnye nni sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu+ no. Wei ne ɔdaadaafoɔ no ne deɛ ɔsɔre tia Kristo*+ no.
8 Monhwɛ yie, na deɛ yɛayɛ adwuma anya no amfiri mo nsa. Moyɛ saa a, mobɛnya akatua mu.+ 9 Obiara a ɔpere di anim, na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no nni Onyankopɔn.+ Deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ yi mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no nyinaa.+ 10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkura nkyerɛkyerɛ yi a, monnnye no nnkɔ mo fie,+ na monnkyea no nso. 11 Na obiara a ɔbɛkyea no no foa ne bɔne no so.
12 Mewɔ nneɛma pii a anka mɛtwerɛ abrɛ mo, nanso mempɛ sɛ metwerɛ no krataa so,* na mmom m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn, na me ne mo abɛkasa animu ne animu, na ama mo anigyeɛ adi mu.
13 Wo nuabaa a wɔayi no no, ne mma se wɔkyea wo.