Ɔde Kɔmaa Tito
1 Me Paul, meyɛ Onyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ. Gyidie ne nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mu a wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no wɔ a ɛne onyamesom pa hyia no, ɛno ara bi na mewɔ. 2 Na ne nyinaa gyina daa nkwa ho anidasoɔ+ so, anidasoɔ a Onyankopɔn a ɔntumi nni atorɔ+ no hyɛɛ ho bɔ firi teteete no; 3 ɔno ara ne berɛ a ɛsɛ mu no, ɔnam asɛnka adwuma a yɛn Agyenkwa Nyankopɔn maa wɔde maa me+ no so maa n’asɛm daa adi. 4 Mede krataa yi rekɔma Tito, me ba paa a me ne no wɔ gyidie baako mu no:
Agya Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu adom ne asomdwoeɛ nka wo.
5 Megyaa wo wɔ Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛsiesie nneɛma a ɛnkɔ yie no, na woayi mpanimfoɔ wɔ kuro biara mu sɛdeɛ meka kyerɛɛ wo sɛ yɛ no: 6 Sɛ obi bɛfata sɛ ɔpanin a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima a asɛm biara nni ne ho, okunu a ne yere yɛ baako, na ne mma yɛ agyidifoɔ a obiara mmɔ wɔn soboɔ sɛ wɔbɔ ahohwibra* anaa wɔte atua.+ 7 Ɛsiane sɛ ɔhwɛfoɔ yɛ Onyankopɔn fiehwɛfoɔ nti, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a asɛm biara nni ne ho, obi a ɔnni ne koko so asɛm,+ ne bo mfu ntɛm,+ ɔnyɛ kɔwensani, ɔmpɛ ntɔkwa,* ɔnyɛ adufudepɛ nhwehwɛ mfaso bɔne; 8 mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ ɔpɛ papayɛ, n’adwenem da hɔ,*+ ɔtene, ɔyɛ nokwafoɔ,+ ɔtumi hyɛ ne ho so,*+ 9 sɛ ɔrekyerɛkyerɛ a, ɔde ne nkyerɛkyerɛ* gyina nokwasɛm no so pintinn,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi de nkyerɛkyerɛ pa*+ no ahyɛ nkuran,* na wɔn a wɔkasa tia nkyerɛkyerɛ pa* no nso, watumi de akasa akyerɛ wɔn.+
10 Ɛfiri sɛ nnipa pii yɛ atuatefoɔ, wɔkeka nsɛnhunu, na wɔdaadaa nkurɔfoɔ, ɛnkanka wɔn a wɔagye twetiatwa* agyina mu no.+ 11 Ɛhia sɛ wɔma saa nnipa yi mua wɔn ano, ɛfiri sɛ mfaso bɔne nti, wɔkɔ so kyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ, na wɔde sɛe mmusua mũ nyinaa gyidie. 12 Wɔn mu baako a ɔyɛ wɔn ankasa diyifoɔ kaa sɛ: “Kretafoɔ deɛ, wɔdi atorɔ daa, wɔyɛ nkekaboa a wɔn ho yɛ hu, akwadwofoɔ a wɔdidi fuu.”
13 Saa adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Wei nti kɔ so kasa kyerɛ wɔn dendeenden sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ den wɔ gyidie no mu, 14 na amma wɔantie Yudafoɔ anansesɛm, na wɔantie nnipa a wɔatwe wɔn ho afiri nokorɛ no ho no ahyɛdeɛ. 15 Nneɛma nyinaa ho te ma nnipa a wɔn ho teɛ;+ na wɔn a wɔn ho agu fĩ na wɔnnye nnie no deɛ, biribiara ho nte mma wɔn, ɛfiri sɛ wɔn adwene ne wɔn ahonim* nyinaa ho agu fĩ.+ 16 Wɔka no wɔ badwam sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma kyerɛ sɛ wɔmfa no nyɛ hwee,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne akyiwadeɛ a wɔmfata mma adwuma pa biara.