Yohane Nwoma a Ɛdi Kan
1 Nkwa asɛm+ a na ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no, ɛho asɛm a yɛateɛ, ɛho asɛm a yɛde yɛn ani ahunu, ɛho asɛm a yɛahwɛ no yie, ɛho asɛm a yɛde yɛn nsa aka, 2 (aane, wɔyii nkwa no adi kyerɛe, na daa nkwa+ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn a wɔyii no adi kyerɛɛ yɛn no, yɛahunu, yɛredi ho adanseɛ,+ na yɛreka ho asɛm akyerɛ mo), 3 deɛ yɛahunu, ne deɛ yɛateɛ no, ɛno na yɛreka akyerɛ mo nso,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa, ayɔnkofa a ɛwɔ yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo ntam+ no bi. 4 Na yɛretwerɛ weinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn anigyeɛ bɛdi mu.*
5 Wei ne asɛm a yɛate afiri ne nkyɛn a yɛreka akyerɛ mo: Onyankopɔn yɛ hann,+ na esum biara nni ne mu. 6 Sɛ yɛka sɛ, “Yɛne no wɔ ayɔnkofa,” na sɛ yɛkɔ so nante sum no mu a, ɛnneɛ na yɛredi atorɔ, na yɛmfa nokorɛ no mmɔ yɛn bra.+ 7 Na sɛ yɛnam hann no mu sɛdeɛ ɔno ankasa wɔ hann no mu no a, ɛnneɛ na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu mogya hohoro yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.+
8 Sɛ yɛka sɛ, “Bɔne nni yɛn ho” a, na yɛredaadaa yɛn ho,+ na nokorɛ no nni yɛn mu. 9 Sɛ yɛka yɛn bɔne a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni, enti ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na ɔbɛhohoro yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.+ 10 Sɛ yɛka sɛ, “Yɛnyɛɛ bɔne” a, na yɛrema no ayɛ ɔtorofoɔ, na n’asɛm nni yɛn mu.