Habakuk
1 Atemmusɛm a odiyifoɔ Habakuk* nyaa ho anisoadehunu nie:
2 O Yehowa, mensu nkɔsi da bɛn na woatie me?+
Mensrɛ wo hɔ mmoa nkɔsi da bɛn ansa na woagye me afiri amumuyɛsɛm mu?+
3 Adɛn nti na daa woma mehu adebɔne?
Adɛn nti na wohwɛ ma nhyɛsoɔ kɔ so?
Adɛn nti na m’ani tua adesɛeɛ ne amumuyɛsɛm?
Na adɛn nti na ɔham ne ntɔkwa abu so saa?
4 Wei nti mmara nyɛ adwuma,
Na obiara mmu atɛntenenee.
Ɛfiri sɛ abɔnefoɔ atwa ateneneefo ho ahyia,
Ɛno nti na wɔkyea atemmuo.+
5 “Monhwɛ amanaman no mu, na monhwɛ deɛ ɛbɛsi!
Montɛɛ mo anom nhwɛ na mo ho nnwiri mo,
Ɛfiri sɛ biribi bɛsi wɔ mo berɛ so,
Na sɛ wɔka kyerɛ mo mpo a, morennye nni.+
Wotwi fa asaase tɛtrɛɛ so
Kɔgye afie a ɛnyɛ wɔn dea fa.+
7 Wɔyɛ ahunuabɔbirim, na obiara suro wɔn.
Wɔhyehyɛ wɔn ankasa mmara, na wɔn tumi* na ɛyɛ adwuma.+
Wɔn apɔnkɔ de mmirika kitikiti,
Na wɔfiri akyirikyiri reba.
Wɔtu fãã te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔde ahoɔherɛ rekɔdidi.+
9 Wɔn nyinaa de asi wɔn ani so sɛ wɔbɛdi amumuyɛsɛm.+
Sɛ wɔka bom na wɔreba a, wɔn anim te sɛ apueeɛ mframa,+
Na wɔkye nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ anwea de wɔn kɔ.
12 O Yehowa, wonni hɔ firi tete anaa?+
O me Nyankopɔn, me Kronkronni, wonwu da.*+
14 Adɛn nti na woma nnipa yɛ sɛ ɛpo mu mpataa,
Ne mmoa a wɔwea a obiara nni wɔn so?
15 Ɔde* daawa yi weinom nyinaa;
Ɔde n’asau twe wɔn,
Na ɔboaboa wɔn ano wɔ n’atena mu.
Ɛno nti ɔdi ahurisie kɛse.+
16 Ɛno nti na ɔbɔ afɔreɛ ma n’asau
Na ɔbɔ afɔreɛ* ma n’atena,
Ɛfiri sɛ saa nneɛma no na ɛma no nya ne ho,*
Na ɔnya aduane pa.
17 Enti n’asau no, daa ɔbɛkɔ so abɔ no ma anaa?*
Ɔbɛkɔ so ara akunkum amanaman a ahummɔborɔ nnim anaa?+