Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
1 Me Paul, a Onyankopɔn pɛ nti meyɛ Kristo Yesu somafoɔ, ne yɛn nua Timoteo,+ yɛde krataa yi rebrɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, ɛne akronkronfoɔ nyinaa a wɔwɔ Akaia baabiara.+
2 Yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.
3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn+ a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya+ ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn+ no. 4 Ɔno na ɔkyekye yɛn werɛ* wɔ yɛn amanehunu* nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn nso, yɛbɛtumi de awerɛkyekyerɛ a yɛnya firi Onyankopɔn hɔ+ no akyekye wɔn a wɔwɔ amanehunu biara mu no werɛ.+ 5 Na sɛdeɛ amanehunu a Kristo nti ɛto yɛn dɔɔso no,+ saa ara na awerɛkyekyerɛ a Kristo nti yɛnya no nso dɔɔso. 6 Sɛ sɔhwɛ* to yɛn a, mo awerɛkyekyerɛ ne mo nkwagyeɛ ntira; na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, mo awerɛkyekyerɛ ntira; ɛno na ɛboa mo ma motumi gyina ɔhaw a yɛn nso yɛhyia bi no ano. 7 Na anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ morehunu amane te sɛ yɛn ara, enti awerɛkyekyerɛ a yɛnya no, mo nso mobɛnya bi.+
8 Anuanom, amanehunu a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu+ no, yɛmpɛ sɛ yɛde sie mo. Ateetee a yɛfaa mu no, na ano yɛ den yie, na na ɛboro yɛn ahoɔden so. Enti na yɛnim sɛ yɛn nkwa mpo bɛfiri yɛn nsa.+ 9 Nokwasɛm ne sɛ, na ɛyɛ yɛn sɛ yɛawu awie. Wei baa saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ no so.+ 10 Ɛkaa dɛ, anka yɛrewu, nanso ɔgyee yɛn, na ɔbɛgye yɛn nso; yɛn ani da ne so sɛ ɔbɛkɔ so ara agye yɛn.+ 11 Deɛ mo nso mobɛtumi ayɛ aboa yɛn ne sɛ mobɛkoto asrɛ ama yɛn,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa pii bɛda ase ama yɛn wɔ adom a nnipa pii mpaebɔ nti, wɔde adom yɛn no ho.+
12 Deɛ yɛde hoahoa yɛn ho nie: Yɛn ahonim* di adanseɛ sɛ, yɛde kronkronyɛ ne nokorɛdie a ɛfiri Onyankopɔn na abɔ yɛn bra wɔ wiase, ɛnkanka ɛkwan a yɛfaa so ne mo diiɛ no. Ɛnyɛ nnipa nyansa na yɛde yɛɛ saa,+ na mmom Onyankopɔn adom. 13 Ɛnyɛ biribi foforɔ biara na yɛretwerɛ mo; ɛyɛ deɛ mobɛtumi akenkan ate aseɛ.* Mewɔ anidasoɔ sɛ mobɛkɔ so ate saa nneɛma yi ase yie paa,* 14 sɛdeɛ moate ase ɛkwan bi so sɛ mobɛtumi de yɛn ahoahoa mo ho no. Saa ara na yɛn nso, yɛde mo bɛhoahoa yɛn ho wɔ yɛn Awurade Yesu da no mu.
15 Ahotɔsoɔ yi na na mewɔ, enti mebɔɔ me tirim sɛ mɛdi kan aba mo nkyɛn, na ama mo ani agye ne mprenu so;* 16 ɛfiri sɛ meyɛɛ m’adwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na sɛ mefiri Makedonia reba nso a, masan aba mo nkyɛn, na ɛno akyi no, moagya me kwan akɔ Yudea.+ 17 Berɛ a mebɔɔ me tirim saa no, mamfa no aniberesɛm anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔ no, ɛyɛ a mebɔ no ɔhonam mu ma enti meka “Aane, aane” na afei maka “Daabi, daabi” anaa? 18 Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ, enti deɛ yɛka kyerɛ mo no, ɛnyɛ sɛ yɛreka “aane” nanso na ɛyɛ “daabi.” 19 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn Ba Yesu Kristo a wɔnam yɛn so, kyerɛ sɛ, wɔnam me ne Silwano* ne Timoteo so kaa ne ho asɛm wɔ mo mu no,+ ɛnyɛ sɛ na ɔyɛ “aane” nanso na ɔyɛ “daabi,” na mmom ne fam deɛ, “aane” abɛyɛ “aane.” 20 Na Onyankopɔn bɔhyɛ bebree no nyinaa nam ne so ayɛ “aane.”+ Ɛno nso nti, ɛnam ne so na yɛka “Amen” kyerɛ Onyankopɔn+ de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. 21 Na deɛ wasi no pi sɛ mo ne yɛn nyinaa yɛ Kristo dea, a ɔsraa yɛn no, ɔno ne Onyankopɔn.+ 22 Wasan nso de n’ahyɛnsodeɛ atim yɛn so,+ na ɔde honhom no ama yɛn wɔ yɛn akomam de ayɛ deɛ ɛbɛba no ho adanseɛ a ɛdi mu.*+
23 Afei, meyi Onyankopɔn sɛ me* danseni sɛ, ba a memmaa Korinto nyinaa, ɛyɛ mo werɛ a mempɛ sɛ ɛho ntira. 24 Yɛnyɛ atumfoɔ wɔ mo gyidie so,+ na mmom yɛyɛ mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ a yɛboa ma mo ani gye, ɛfiri sɛ mo gyidie na ama mogyina hɔ.