ASƐMMISA 12
Anidasoɔ wɔ hɔ sɛ yɛbɛhu awufoɔ bio?
“Mommma wei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ berɛ no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔapue.”
“Berɛ bi bɛba a ateneneefoɔ ne wɔn a wɔnyɛ ateneneefoɔ bɛsɔre afiri awufoɔ mu.”
“Mehuu awufoɔ, akɛseɛ ne nketewa, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim, na wɔbuebuee nwoma mmobɔeɛ mu. Na wɔbuee nwoma mmobɔeɛ foforɔ mu; ɛno ne nkwa nwoma mmobɔeɛ no. Na wɔde nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma mmobɔeɛ ahodoɔ no mu no buu awufoɔ no atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. Na ɛpo yii awufoɔ a ɛwom maeɛ, na owuo ne Adamena yii awufoɔ a ɛwom maeɛ, na wɔbuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.”