ASƐMMISA 13
Ɛdeɛn na Bible ka wɔ adwuma ho?
“Woahunu onipa a n’adwuma ho twa anaa? Ahemfo anim na ɔbɛgyina; ɔrennyina onipa biara kɛkɛ anim.”
“Mma korɔmfoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, na ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma pa. Ɛno bɛma no anya biribi ama deɛ ahia no.”
“Deɛ ɛka ho bio nso ne sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ n’adwumaden nyinaa mu; ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.”