ASƐMMISA 14
Wobɛyɛ dɛn ahwɛ deɛ wowɔ so yie?
“Deɛ ɔpɛ anigyeɛ no, ɛbɛhia no; na deɛ ɔpɛ nsã na n’ani gye ngo ho no, ɔrennya sika.”
“Deɛ ɔgye bosea no, ɔyɛ akoa ma deɛ ɔbɔɔ no bosea no.”
“Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi abantenten a ɔnni kan ntena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ deɛ ɔde bɛwie? Anyɛ saa a, ɔbɛto fapem no, nanso ɔrentumi nwie, na wɔn a wɔn ani tua nyinaa bɛfiri aseɛ adi ne ho fɛ, na wɔbɛka sɛ: ‘Onipa yi firii aseɛ sii, nanso wantumi anwie.’”
“Berɛ a wɔdidi meeɛ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: ‘Mommoaboa deɛ aka aseɛ no ano, na biribiara ansɛe kwa.’”