ASƐMMISA 3
Hwan na ɔtwerɛɛ Bible no?
“Mose twerɛɛ Yehowa nsɛm no nyinaa.”
“Daniel soo daeɛ, na ɔnyaa anisoadehunu wɔ ne mpa so. Ɔtwerɛɛ daeɛ no too hɔ, na ɔtwerɛɛ deɛ ɔhunuiɛ no nyinaa nso too hɔ.”
“Berɛ a mogyee Onyankopɔn asɛm a mote firii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom mogyee no sɛdeɛ ɛteɛ ankasa, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm.”
“Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ.”
“Ɛnyɛ nnipa hɔ na nkɔmhyɛ firi ba, na mmom Onyankopɔn honhom kronkron na ɛmaa nnipa kasaeɛ.”