Genesis
16 Saa bere yi, na Abram yere Sarai nwoo ɔba biara mmaa no,+ nanso na ɔwɔ Egyptni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar.+ 2 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Hwɛ, Yehowa asiw m’awo ho kwan.+ Enti mesrɛ wo, kɔ m’abaawa yi ho, na ebia ɔbɛwo ama me.”+ Na Abram tiee Sarai.+ 3 Enti Sarai maa ne kunu Abram waree Egyptni abaawa Hagar.+ Saa bere yi, na Abram anya mfe du wɔ Kanaan asase so. 4 Enti ɔkɔɔ Hagar ho na onyinsɛnee. Bere a ohui sɛ wanyinsɛn no, na n’ani nsɔ ne maame a ɔne no te no bio.+
5 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “M’amanehunu yi nyinaa fi wo. Me ara na mede m’abaawa too wo kokom, afei wahu sɛ wanyinsɛn nti n’ani nsɔ me bio. Yehowa mmu me ne wo ntam atɛn.”+ 6 Enti Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ:+ “Hwɛ! W’abaawa no wɔ wo nsam. Yɛ no sɛnea eye w’ani so biara.”+ Na Sarai fii ase teetee no ma oguan fii ne nkyɛn.+
7 Akyiri yi Yehowa bɔfo+ huu no abura bi ho wɔ Sur+ kwan so wɔ sare so. 8 Obisaa no sɛ: “Hagar, Sarai abaawa, ɛhe na wufi na ɛhe na worekɔ?” Na obuae sɛ: “Mifi me maame Sarai nkyɛn na mereguan.” 9 Yehowa bɔfo no kae sɛ: “San kɔ wo maame nkyɛn na brɛ wo ho ase hyɛ n’ase.”+ 10 Afei Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛma w’asefo+ adɔɔso, na obiara rentumi nkan wɔn.”+ 11 Yehowa bɔfo no toaa so sɛ: “Hwɛ, woafa afuru na wobɛwo ɔbabarima na woato ne din Ismael,+ efisɛ Yehowa ate w’amanehunu.+ 12 Ɔbɛyɛ sɛ sare so afurum. Na ɔbɛma ne nsa so atia obiara, na obiara bɛma ne nsa so atia no;+ ɔbɛtena ntamadan mu wɔ ne nuanom nyinaa anim.”+
13 Afei ofii ase bɔɔ Yehowa a ɔne no kasae no din sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wuhu ade.”+ Na ɔkae sɛ: “Nea ohu me no na me nso mahu no yi?” 14 Ɛno nti wɔfrɛɛ abura no Beer-Lahai-Roi.+ Ɛwɔ Kades ne Bered ntam. 15 Na Hagar woo ɔbabarima maa Abram na Abram too abofra no din Ismael.+ 16 Bere a Hagar woo Ismael no na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia.