Genesis
36 Esau, anaa Edom,+ ho nsɛm ni.
2 Esau waree Kanaanfo+ mmea: Hitini+ Elon ba Ada+ ne Anah ba Oholibama,+ Hiwini Sibeon banana, 3 ne Ismael ba Basemat+ a ɔyɛ Nebaiot+ nuabea.
4 Na Ada woo Elifas maa Esau, na Basemat nso woo Reuel,
5 na Oholibama woo Yeus ne Yalam ne Kora.+
Eyinom ne mmabarima a wɔwoo wɔn maa Esau wɔ Kanaan asase so. 6 Afei Esau faa ne yerenom ne ne mmabarima ne ne mmabea ne akra a wɔwɔ ne fie nyinaa ne ne mmoa ne n’agyapade+ a onyae wɔ Kanaan nyinaa, na ofii Yakob nkyɛn kɔɔ asase foforo so,+ 7 efisɛ na wɔn agyapade dɔɔso dodo sɛ wobetumi atena faako, na na asase a wɔte so no sua ma wɔn mmoa.+ 8 Enti Esau kɔtenaa Seir+ bepɔw so. Esau din ne Edom.+
9 Eyi ne Edomfo agya Esau ho nsɛm wɔ Seir bepɔw so.+
10 Eyinom ne Esau mmabarima no din: Esau yere Ada ba Elifas ne ne yere Basemat ba Reuel.+
11 Elifas mma ne Teman,+ Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.+ 12 Na Esau ba Elifas faa Timna+ sɛ ne yefam, na akyiri yi ɔwoo Amalek+ maa Elifas. Eyinom ne Esau yere Ada mma.
13 Reuel mma ni: Nahat, Sera, Samma ne Misa.+ Eyinom ne Esau yere Basemat+ mma.
14 Esau yere Oholibama a ne papa de Anah na ne nena de Sibeon no woo Yeus ne Yalam ne Kora maa no.+
15 Eyinom ne Esau asefo a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo:+ Esau ba panyin Elifas mma: Abusuapanyin Teman,+ abusuapanyin Omar, abusuapanyin Sefo, abusuapanyin Kenas, 16 abusuapanyin Kora, abusuapanyin Gatam ne abusuapanyin Amalek. Eyinom ne Elifas+ mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo wɔ Edom asase so. Eyinom ne Ada mma.
17 Eyinom ne Esau ba Reuel mma: Abusuapanyin Nahat, abusuapanyin Sera, abusuapanyin Samma, abusuapanyin Misa. Eyinom ne Reuel mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo wɔ Edom+ asase so. Eyinom ne Esau yere Basemat mma.
18 Eyinom ne Esau yere Oholibama mma: Abusuapanyin Yeus ne abusuapanyin Yalam ne abusuapanyin Kora. Eyinom ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Anah ba no mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo no.
19 Eyinom ne Esau mma ne abusua mpanyimfo. Ɔno ara ne Edom.+
20 Eyinom ne Horini Seir mma a wɔyɛ asase no sofo:+ Lotan ne Sobal ne Sibeon ne Anah,+ 21 ne Dison ne Eser ne Disan.+ Eyinom ne Horini Seir mma a wɔyɛ abusua mpanyimfo wɔ Edom.
22 Lotan mma ne Hori ne Hemam; na Lotan nuabea ne Timna.+
23 Na Sobal mma ni: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
24 Sibeon mma ne Aiya ne Anah. Anah yi na bere a ɔrehwɛ ne papa Sibeon mfurum no, ohuu nsuti a epuw nsuɔhyew wɔ sare so no.+
25 Eyinom ne Anah mma: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Anah babea.
26 Dison nso mma ni: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.+
27 Eser mma ni: Bilhan ne Saawan ne Akan.
29 Eyinom ne Horifo abusua mpanyimfo: Abusuapanyin Lotan, abusuapanyin Sobal, abusuapanyin Sibeon, abusuapanyin Anah, 30 abusuapanyin Dison, abusuapanyin Eser ne abusuapanyin Disan.+ Eyinom ne Horifo abusua mpanyimfo sɛnea wɔn din te wɔ Seir asase so.
31 Eyinom ne ahene a wodii Edom+ asase so ansa na Israelfo rebenya ɔhene adi wɔn so.+ 32 Beor ba Bela bedii Edom+ so, na na ne kurow din de Dinhaba. 33 Bela wui no, Sera a ofi Bosra+ ba Yobab bedii n’ade.+ 34 Bere a Yobab wui no, Husam a ofi Temanfo+ asase so no bedii n’ade.+ 35 Husam wui no, Bedad ba Hadad a odii Midianfo+ so wɔ Moab+ asase so no bedii n’ade, na na ne kurow din de Awit.+ 36 Hadad wui no, Samla a ofi Masreka bedii n’ade.+ 37 Bere a Samla wui no, Saul a ofi Rehobot a ɛwɔ asubɔnten kɛse no ho no bedii n’ade.+ 38 Saul wui no, Akbor ba Baal-Hanan bedii n’ade.+ 39 Bere a Akbor ba Baal-Hanan wui no, Hadar bedii n’ade; na ne kurow din de Pau, na na ne yere de Mehetabel a ɔyɛ Mesahab ba Matred ba.+
40 Eyinom ne Esau asefo ne abusua mpanyimfo sɛnea wɔn mmusua ne wɔn nkurow ne wɔn din te: Abusuapanyin Timna, abusuapanyin Alwa, abusuapanyin Yetet,+ 41 abusuapanyin Oholibama, abusuapanyin Ela, abusuapanyin Pinon,+ 42 abusuapanyin Kenas, abusuapanyin Teman, abusuapanyin Mibsar,+ 43 abusuapanyin Magdiel ne abusuapanyin Iram. Eyinom ne Edom abusua mpanyimfo+ sɛnea wɔn nkurow te wɔ wɔn nsase so.+ Oyi ne Esau, Edomfo agya.+