2 Ahene
21 Manase+ bedii ade no, na wadi mfe dumien, na odii hene mfe aduonum anum wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hefsiba. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na ɔyɛɛ akyide a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim yɛe no bi.+ 3 Sorɔnsorɔmmea a ne papa Hesekia bubui no, ɔsan sisii,+ na osisii afɔremuka maa Baal; osii ɔbosom dua sɛnea Israel hene Ahab+ yɛe no; ɔkotow+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+ 4 Na Yehowa fie a Yehowa kaa ho asɛm sɛ: “Yerusalem na me din bɛtena”+ no, osisii afɔremuka wɔ hɔ.+ 5 Afei nso osisii afɔremuka maa ɔsoro asafo+ nyinaa wɔ Yehowa fie adiwo abien hɔ.+ 6 Ɔmaa ɔno ara ne ba faa ogya mu,+ na odii nkonyaayi+ akyi, ɔkɔɔ abisa, na ɔne akɔmfo+ ne ntafowayifo+ gorui. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.
7 Bio nso, ɔde ɔbosom dua a wasen+ no sɛ ohoni no kosii fie hɔ, ofie+ a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: “Ofie yi ne Yerusalem a mapaw afi Israel mmusuakuw nyinaa mu no na mede me din bɛto so akosi daa.+ 8 Na sɛ Israel hwɛ di nea mahyɛ wɔn+ no nyinaa, mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa so a, me nso meremma wɔn nan mfi asase a mede maa wɔn agyanom no so+ nkokyinkyin bio.” 9 Nanso wɔantie,+ na Manase daadaa wɔn ma wɔyɛɛ bɔne+ sen aman+ a Yehowa sɛee wɔn fii Israelfo anim no.
10 Na Yehowa nam ne nkoa adiyifo no so ne wɔn kasae+ daa sɛ: 11 “Esiane sɛ Yuda hene Manase+ ayɛ akyide+ yi nti, wayɛ bɔne kyɛn nea Amorifo+ a wodii n’anim no yɛe nyinaa, na ɔde n’abosom fĩ no ama Yuda nso ayɛ bɔne.+ 12 Ɛno nti na Yehowa, Israel, Nyankopɔn aka sɛ, ‘Hwɛ, mede mmusu reba Yerusalem+ ne Yuda so, na obiara a ɔbɛte no, n’aso abien nyinaa mu bɛyɛ no yɔnn.+ 13 Na susuhama+ a wɔde too Samaria+ so ne susudua a wɔde too Ahab fie+ so no, ɛno na mɛtwe mu Yerusalem so; mɛpopa+ Yerusalem korakora sɛnea obi popa ayowa mu na ɔdan butuw+ no. 14 Na mɛpo m’agyapade+ nkae+ no, na mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa, na afowde ne asade na wɔbɛyɛ ama wɔn atamfo+ nyinaa, 15 efisɛ wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na wɔhyɛɛ me abufuw fi da a wɔn agyanom fi Egypt bae de besi nnɛ da yi.’”+
16 Bio nso, Manase hwiee mogya a edi bem bebree pa gui+ kosii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, efi ano kosi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛe a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so no.+ 17 Manase ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa ne ne bɔne no, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 18 Na Manase ne n’agyanom kɔdae,+ na wosiee no ne fie mfikyifuw mu, Usa+ mfikyifuw no, na ne ba Amon bedii n’ade.
19 Amon+ bedii ade no, na wadi mfe aduonu abien, na odii hene mfe abien+ wɔ Yerusalem. Ne maame din de Mesulemet a ɔyɛ Harus a ofi Yotba no ba. 20 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea ne papa Manase yɛe no.+ 21 Akwan a ne papa faa so no nyinaa mu na ɔnantewee,+ na ɔsom abosom fĩ+ a ne papa somee no, na ɔkotow wɔn. 22 Saa na ɛyɛe a ogyaw Yehowa,+ n’agyanom Nyankopɔn no, na wannantew Yehowa kwan mu.+ 23 Na Amon nkoa bɔɔ ne ho pɔw, na wokum ɔhene+ wɔ n’ankasa fie. 24 Nanso asase no sofo kunkum wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon ho pɔw+ no nyinaa, na asase no sofo de ne ba Yosia+ sii hene ma odii n’ade. 25 Amon ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 26 Na wosiee no ne damoa mu wɔ Usa mfikyifuw+ no mu, na ne ba Yosia+ bedii n’ade.