1 Beresosɛm
10 Ɛbae sɛ Filistifo+ ne Israelfo bɛkoe, na Israel mmarima guan fii Filistifo no anim, na wɔtotɔe wɔ Bepɔw Gilboa so.+ 2 Filistifo no bɔ puaa Saul ne ne mma no, na Filistifo no kum Saul+ mma Yonatan+ ne Abinadab+ ne Malki-Sua.+ 3 Ɔko no mu yɛɛ den maa Saul; eduu baabi no, agyantofo no nyaa no, na wopiraa no.+ 4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ nea okura n’akode+ no sɛ: “Twe wo nkrante+ fa hwirew me mu na momonotofo+ yi ammɛyɛ me aninyanne.”+ Nanso n’akodekurafo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ efisɛ na ehu kɛse aka no. Enti Saul faa nkrante no na ɔhwee so.+ 5 Bere a n’akodekurafo no hui sɛ Saul awu no, ɔno nso hwee nkrante so wui.+ 6 Saa na ɛyɛe a Saul ne ne mma baasa ne ne fiefo a wɔka ne ho nyinaa wuwui.+ 7 Bere a Israelfo a wɔwɔ asasetaw no so nyinaa hui sɛ asraafo no aguan, na Saul ne ne mma nso awuwu no, woguan fii wɔn nkurow no mu;+ ɛnna Filistifo no bae bɛtenatenaa hɔ.
8 Ɛbae sɛ, ade kyee no, Filistifo no bae sɛ wɔrebeyiyi awufo no ho nneɛma,+ na wokopuee Saul ne ne mma no so sɛ wɔawuwu gu Bepɔw Gilboa+ so. 9 Ɛnna woyiyii ne ho nneɛma, na wotwaa ne ti,+ faa n’akode, na wɔkɔɔ Filistifo asase so baabiara kɔbɔɔ wɔn abosom+ ne ɔmanfo no amanneɛ.+ 10 Afei wɔde n’akode no koguu wɔn nyame fie,+ na wɔde ne tikora kɔsɛn Dagon fie.+
11 Akyiri yi, nnipa a wɔwɔ Yebes+ a ɛwɔ Gilead nyinaa tee nea Filistifo de ayɛ Saul.+ 12 Ɛnna mmarima akokodurufo no nyinaa sɔre kɔfaa Saul amu ne ne mma no nso amu, na wɔde baa Yebes besiee wɔn nnompe wɔ dupɔn+ bi ase wɔ Yebes;+ na wodii mmuada+ nnanson.
13 Saa na ɛyɛe a Saul wui ne mmarato mu efisɛ wannye Yehowa anni,+ na wanni Yehowa asɛm so; ɔkɔɔ abisa nso wɔ ɔdebisafo+ hɔ. 14 Wanhwehwɛ Yehowa akyi kwan,+ enti okum no, na ɔde ahenni no maa Yese ba Dawid.+